Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 11:4 - Apam Foforɔ

4 Gyidie ne Habel de bɔɔ afɔreɛ maa Nyankopɔn a na ɔsɔ ani kyɛnee Kain deɛ he. Ɔnam yei so maa bebuu Habel sɛ ɔtene, na Nyankopɔn dii n’afɔreɛ he ho adanseɛ. Ɔyam sɛ Habel awu deɛ, nso ɔnam ne gyidie he so da so kasa kyerɛ yɛ.

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 11:4
21 Referans Kwoze  

na ho aba Yesu hɔ, apam foforɔ he ho ntamgyinafoɔ, ne mogyaa a bɛapete a ɔkasa yie kyɛne Habel mogyaa he.


Mmusuo nka bɛ! Efiri sɛ, kwane a Kain faa so heaa so ne bɛnam, na mfasoɔ nti, bɛde bɛ ho ahyɛ mfomsoɔ a Bileam yɔeɛ he bi ase. Bɛayɔ dɔm sɛnea Kora yɔɔ dɔm he nam so ma bɛasɛe bɛ sɛ ɔno.


sɛ ɔbɛyɛ a mogyaa a odi bem a bɛahwie agu asaase so nyinaa bɛba ho so, ofiri teneneeni Habel so de kosi Barakia ba Sakaria a hokuu no asɔredane ne afɔrebokyia ntam he.


Nɔkwasɛm, bɛde mogyaa te bibiaa ho sɛdeɛ mmara he teɛ he, na sɛ mogyaa angu a bɔne fakyɛ nni hɔ.


Saa nti yɛ nso, esiane sɛ adansefoɔ bebree atwa yɛ ho ahyia yi, homma yɛnto adesoa ne bɔne biaa a ɔkyekyere yɛ na ɔtwe yɛ he ngu, na yɛmfa animia ntu akansie a ɔda yɛ anim he mu mmirika,


efiri Habel mogyaa so kosi Sakaria a bekuu no afɔrebokyia he ntomadane he ntam he mogyaa so.’ Ɛɛ, meka akyerɛ ho sɛ bebebisa afiri awo ntoatoaso yi hɔ.


Nnipa a bɛte saa he ka sɛ benim Nyankopɔn, nso bɛde bɛ nneyɔeɛ po no. Bɛyɛ Nyankopɔn akyiwadeɛ, asoɔdenfoɔ, bɛnyɛ ma adwuma pa biaa.


Na sɔfopanyini biaa a beyi no firi nnipa mu he, bɛhyɛ no sɔfo ma ɔyɔ Nyankopɔn som adwuma ma nnipa na ɔde bɔne ho ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ ama.


Ɔnam yei so ne maa bedii tetefoɔ he ho adanseɛ.


(na saa teneneeni he te saa nnipa nnebɔnyɛfoɔ he mu na afideɛ a na saa nnipa he yɔ no adekyeɛ ne adesaeɛ he ha no yie) a,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite