Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 11:16 - Apam Foforɔ

16 Na afei, bɛ ani gyinaa mane papa bi, mekyerɛ, soro mane he. Ne saa nti ɔnyɛ Nyankopɔn aniwuo sɛ bɛbɛfrɛ no bɛ Nyankopɔn; nɔkwasɛm ne sɛ, wasiesie kuro bi ama bɛ.

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 11:16
26 Referans Kwoze  

efiri sɛ yenni kuro a ɔtena hɔ daa ya ha yi, na mmom nea ɔɔba he na yɛɛhwɛ no kwane dendene.


Na ɔɔtwɛne kuro a ɔwɔ fapem a ne kyekyerefoɔ ne ne yɔfoɔ ne Nyankopɔn.


Na yɛ deɛ yɛ mane a yefiri mu ankasa ne soro, na hɔ ne yɛɛhwɛ Agyenkwa, Awurade Yesu Kristo anim afiri.


Tenabea pii ya m’Agya fie. Sɛ ɔnte saa a, nka mɛka akyerɛ ho sɛ, meekosiesie baabi ama ho?


Na deɛ ɔte bi ho ne bɛ a bɛate bɛ ho he nyinaa wɔ abɔseɛ korɔ. Ne saa nti Yesu amfɛre sɛ ɔbɛfrɛ bɛ sɛ ne nuanom,


Na hene he bɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nifa so he sɛ, ‘Hommra, ho a m’Agya ahyira ho, hommɛfa ahennie a bɛasiesie ama ho firi wiase mfitiaseɛ he nni;


Na mmom, ho deɛ hoaba Sion Bepɔ so ne Nyankopɔn teasefoɔ he kuro, soro Yerusalem, ne abɔfoɔ bebree nhyiamu,


efiri sɛ bɛ a bɛkaa saa he daa no adi pefee sɛ bɛ ani da bɛ ankasa bɛ mane so.


Ampa, Awurade beyi me afiri bɔne nyinaa mu, na wagye me akɔ ne soro ahennie mu. Ɔno ne animuonyam nka no daadaa. Amen.


Na biaa a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho ya nnɛ mma, awaresɛefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ mu he, ɔno nso ho bɛyɛ Nipa Ba he animuwo berɛ a ɔbɛba n’Agya animuonyam mu a abɔfoɔ kronkron he ka ne ho he.”


“Me ne wo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn.” Mose ho hyɛɛ aseɛ sɛ ɔɔpopo nti wannya akokoɔduro sɛ ɔɔkɔ so ahwɛ adekorɔ he bio.


“Honnsuro! Nwankuo ketewa, efiri sɛ ɔsɔ ho Agya ani sɛ ɔde ahennie he bɛma ho.


Na ɔfa awufoɔ sɔreeɛ ho he, honnkenkaneɛ ya Mose nwoma he mu, asɛm a ofiri nkyɛkyerɛ he mu baaa Mose nkyɛne a Nyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakobo Nyankopɔn’?


Na ɔfa awufoɔ sɔreɛ ho deɛ, Mose nso kyerɛɛ no wuraa he mu nsɛm he mu berɛ a ɔfrɛɛ Awurade sɛ, Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’


Na honyaa tema maa nneduafoɔ, na hode anigyeɛ penee so maa bɛfom ho agyapadeɛ, efiri sɛ honim sɛ ho ankasa howɔ agyapadeɛ a odi mu, na ɔbɛtena hɔ daa.


esiane sɛ na Nyankopɔn asiesie bibi a ɔyɛ kyɛne so asie amma yɛ, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛnkwati yɛ nyɛ bɛ pɛ.


Na mehuu Kuro Kronkron a ɔyɛ Yerusalem foforɔ sɛ osiane afiri soro afiri Nyankopɔn nkyɛne ɔɔba fam, a bɛasiesie ne ho sɛ ayeforɔ a bɛahyehyɛ no ama ne kunu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite