5 Nti, berɛ a Kristo baa wiase he, ɔkaa sɛ, “Woampɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, na mmom nipadua ne woasiesie ama me;
Kristo he ankasa soaa yɛ bɔne ya ne honam mu kɔɔ asennua he so sɛnea yebewu ama bɔne, na yɛatena ase tenenee mu. Ne mmaa ntampeɛ mu ne hoanya ayaresa.
Afei nso, berɛ a na ɔno ankasa de ne Ba a ɔkyɛne so he ɔɔba wiase he, ɔkaa sɛ, “Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no.”
Na afei mekaa sɛ, ‘Nyankopɔn, hwɛ, maaba sɛ meebɛyɔ deɛ wopɛ, O me Nyankopɔn’ (sɛdeɛ bɛatwerɛ me ho asɛm nwoma mmobɔeɛ he mu).”
Nti sɛ mma he anya honam ne mogyaa korɔ he bi he, saa ne ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam wuo so betu deɛ ɔwɔ wuo tumi a ɔne Bronsam he agu,
Na ɔnam Nyankopɔn pɛ so ne yɛ ho ate ɔnam Yesu Kristo nipadua a ɔde bɔɔ afɔre-prɛko he nti.
Nso berɛ a bɛahyɛ ato hɔ he soeɛ he, Nyankopɔn somaa ne Ba a baa woo no, na bɛwoo no mmara he ase,
Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase, nipa a bɛmpae mu nka sɛ Yesu Kristo baa honam mu. Nipa biaa a ɔte saa he yɛ daadaafoɔ he ne nea ɔko tia Kristo he.
Na bɛ de sɔfo panyini biaa si hɔ sɛ ɔmfa ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ mmra afɔrebokyia so; ne saa nti ohia sɛ ɔno nso nya bibi bɔ afɔreɛ.
Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.
Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.
Afei bɔfoɔ he buaa no sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so, na Sorosoroni he tumi bɛkata wo so. Yei nti ne bɛbɛfrɛ nea wobɛwo no he Kronkron, Nyankopɔn Ba.
ma bɛ bebisaa Yesu sɛ, “Wone deɛ ɔɔba he, anaa yɛnhwɛ foforɔ kwane?”
Nti Yohane frɛɛ n’asuafoɔ he mu mmienu somaa bɛ Awurade nkyɛne sɛ benkobisa no sɛ, “Nti wone nea ɔɔba he anaa yɛnhwɛ foforɔ kwane?”
Berɛ a Yesu ya honam mu he, ɔde nteamu ne nisuo ne nkotosrɛ mpaebɔ kɔɔ deɛ obetumi agye no afiri wuom he anim, na ne nyamesuro nti otiee no.
Mmerɛ a odii kane kaa sɛ, “Afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ anaa hyeɛ afɔreɛ ne bɔne afɔreɛ ansɔ w’ani he” (ɔnam mmara he so na bɛde yeinom ma),