Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 10:10 - Apam Foforɔ

10 Na ɔnam Nyankopɔn pɛ so ne yɛ ho ate ɔnam Yesu Kristo nipadua a ɔde bɔɔ afɔre-prɛko he nti.

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 10:10
25 Referans Kwoze  

Na ɔnam afɔreɛ baako pɛ so ama bɛ a bɛate bɛ ho nyinaa awie pɛyɛ afebɔɔ.


Nso mmerɛ a Kristo bɔɔ afɔreɛ baako maa bɔne afebɔɔ he, “ɔtenaa Nyankopɔn nifa so,”


Saa ne nka ho mu bi teɛ. Na afei bɛnam yɛ Nyankopɔn Honhom so adware ho, ate ho ho, abu ho bem Awurade Yesu Kristo dini mu.


Na Yesu deɛ ɔnte sɛ asɔfoɔ mpayimfoɔ a bɛaka he, bɛ deɛ ohia sɛ bɛbɔ afɔreɛ daa, deɛ odi kane, bɛbɔ bɛ a bɛ bɔne ho afɔdeɛ, na afei mane he nso bɔne ho afɔdeɛ; nso ɔno deɛ, ɔbɔɔ afɔreɛ he prɛko pɛ mmerɛ a ɔde ne ho maeɛ he.


Meyɔɔ me kronkron maa bɛ, na bɛ nso bɛ ho ate nɔkorɛ mu.


Saa nti ne Yesu nso huu amane kuro he akyi sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔde ɔno ankasa ne mogyaa bɛte mane he ho.


Nyankopɔn yɛ ho nkwa a howɔ no Kristo Yesu mu he farebae. Na Yesu Kristo yi ne bɛyɛɛ nyansadeɛ a ofiri Nyankopɔn hɔ maa yɛ he, ɔno ne tenenee ne ahoteɛ ne gyeɛ,


saa nso ne Kristo a ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ prɛko sɛ ɔbɛsoa nnipa bebree bɔne prɛko he, beyi ne ho adi ne mprenu so a, ɔmmɛyɔ bɔne ho adwuma, na mmom ɔɔbɛgye bɛ a bɛhwɛ no kwane dendenndene he nkwa.


ɔhyɛnee Kronkron mu Kronkron hɔ prɛko pɛ. Kristo amfa mmirekyie ne anantwie mogyaa, na mmom ɔde ɔno ankasa ne mogyaa ne nyaa daa gyeɛ maa yɛ.


Kristo he ankasa soaa yɛ bɔne ya ne honam mu kɔɔ asennua he so sɛnea yebewu ama bɔne, na yɛatena ase tenenee mu. Ne mmaa ntampeɛ mu ne hoanya ayaresa.


na ɔnam kwane foforɔ a nkwa yam so abie ntomadane he ama yɛ yi (mekyerɛ ɔnam ne honam so),


efiri sɛ nka obehu amane da biaa firi wiase ahyɛaseɛ. Nso sɛdeɛ ɔteɛ yi deɛ, waayi ne ho adi prɛko ama biaa kosi wiase awieeɛ sɛ ɔde ɔno ankasa ne ho bɛbɔ afɔreɛ ayi bɔne hɔ.


Nti sɛ mma he anya honam ne mogyaa korɔ he bi he, saa ne ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam wuo so betu deɛ ɔwɔ wuo tumi a ɔne Bronsam he agu,


Yesu Kristo ne deɛ a ɔnam nsuo ne mogyaa so baeɛ. Ɔnyɛ nsuo nkoaa so ne ɔnam baeɛ na mmom nsuo ne mogyaa so. Na ɔyɛ Honhom he ne di ho adanseɛ.


Na asraafoɔ he mu baako de pea wɔɔ ne mfe, na mogyaa ne nsuo firii mu baeɛ amonom hɔaa.


Na deɛ ɔte bi ho ne bɛ a bɛate bɛ ho he nyinaa wɔ abɔseɛ korɔ. Ne saa nti Yesu amfɛre sɛ ɔbɛfrɛ bɛ sɛ ne nuanom,


Nti, berɛ a Kristo baa wiase he, ɔkaa sɛ, “Woampɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, na mmom nipadua ne woasiesie ama me;


Mene paanoo a nkwa yam a mesiane firi soro baeɛ he, sɛ bi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa he ne me honam.”


na hontena dɔ mu, sɛnea Kristo dɔɔ yɛ na ɔde ne ho maeɛ sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a oohwam ma Nyankopɔn, ɔnam yɛ nti.


sɛ ɔde nsuo adwareɛ bɛte ne ho asɛm he mu, ayɛ no kronkron,


Berɛ a Yesu ya honam mu he, ɔde nteamu ne nisuo ne nkotosrɛ mpaebɔ kɔɔ deɛ obetumi agye no afiri wuom he anim, na ne nyamesuro nti otiee no.


ɔbɛyɛ dɛ ne Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ho nni dɛm maa Nyankopɔn he mogyaa ontumi nte ho ahonim ho mfiri nnwuma funu nyinaa mu ma ho nkɔsom Nyankopɔn a ɔte ase he?


Mmɛ asotwe koraa ne ɔboro so a hosusu sɛ ɔfata sɛ bɛde bɛtwe bɛ a bɛde Nyankopɔn Ba he anim atwitwi fam na bɛabu apam mogyaa a bɛde tee bɛ ho he animtia, na bɛasopa adom Honhom he?


Na Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko; ɔno a ɔtene he wu maa abɔnefoɔ, na ɔde ho akɔ Nyankopɔn nkyɛne; ɔno na bekuu no honam mu nso, ɔnam Honhom he so sɔreeɛ,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite