Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 10:1 - Apam Foforɔ

1 Na esiane sɛ mmara he kura nnoɔma pa a ɔɔba he nsɛsoɔ na mmom onni nnoɔma he ankasa nti, ontumi mfa saa daa daa afɔreɛ a bɛbɔ no afe biaa he so mma bɛ a bɛde bɛ ho to so he nwie pɛyɛ.

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 10:1
13 Referans Kwoze  

Saa asɔfoɔ he som kronkronbea a ɔyɛ soro deɛ he nhwɛsoɔ ne ne mfonyini; efiri sɛ berɛ a Mose oobesi ntomadane he, Nyankopɔn hyɛɛ no sɛ, “Hwɛ sɛ wobɛyɔ bibiaa sɛdeɛ mfonyini a mede kyerɛɛ wo ya mmepɔ he so he teɛ he.”


Nso Kristo deɛ, berɛ a ɔbaa sɛ nnoɔma pa a aba he ho sɔfo panyini he, na afei ɔnam ntomadane a ɔkyɛne so na odi mu he mu he (nyɛ deɛ bɛde nsa ayɔ, meekyerɛ sɛ nyɛ adebɔ yi mu),


Yeinom yɛ nea ɔbɛba he ho mfonyini kɛkɛ, na deɛ odi mu he ankasa ne Kristo.


Nti ohia sɛ soro nnoɔma he ho nhwɛsoɔ he, bɛde saa amanneɛ yi te ho, nso soro nnoɔma he ankasa hia afɔreɛ a odi mu kyɛne yeinom.


Saa ara nso ne wanhyɛne hɔ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ mprɛ pii, sɛdeɛ sɔfo panyini hyɛne kronkronbea hɔ de mogyaa a ɔnyɛ ɔno ankasa ne mogyaa kɔ bɔ afɔdeɛ afe biaa he;


Na Nyankopɔn ayɔ nea mmara he antumi anyɔ, ɔne sɛ ɔnam honam mmerɛyɛ nti ɔsomaa ɔnoaa ne Ba, honam subane mu maa no bɛyɛɛ nipa te sɛ yɛ nnipa adebɔneyɛfoɔ yi sɛ ɔne bɔne nni asie, na odii bɔne so nkunim honam mu,


Na afei sɛ pɛyɛ nam Lewifoɔ sɔfodwuma so (ɔnam sɛ bɛ sɔfodwuma so ne nkurofoɔ he nyaa mmara he) a, mmɛ hia ne ohia sɛ bɛkwati Aaron abusua he yi sɔfo foforɔ bi ya Melkisedek asɔfoyɛ kwane so.


homma yɛmfa akoma a mu yɛ fann a gyidie mu ahotɔsoɔ ahyɛ no ma, akoma a bɛapete ho ate ho afiri ahonim bɔne ho ne yɛ nipadua a bɛde nsuo a ho te adware he ntwe mmɛne no.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite