Na menam adom a bɛde ama me he so, meeka akyerɛ ho sɛ, ho mu biaa mmu ne ho ntra sɛnea ɔsɛ sɛ obu ne ho, na mmom, biaa nya anidahɔ adwene, sɛnea Nyankopɔn asusu gyidie ama ho he.
Farisini he sɔre gyinaeɛ, na ofirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ ne tim sɛ, ‘Nyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka he, apoobɔfoɔ, bɛ a bɛntene, awaresɛefoɔ, anaa togyeni yei mpo.
Maayɛ sɛ kwasea! Ho ne hohyɛɛ me ma meyɔɔ saa. Nɔkorɛ di ɔsɛ sɛ nka hoyi me ayɛ, efiri sɛ asomafoɔ a hobu bɛ atitire he nkyɛne me bibiaa mu, nso menyɛ hwee mpo.
Hwɛ, berɛ bi a atwam he Teuda sɔre kaa sɛ “Meyɛ dikanfoɔ titire bi”, na mmeema a bɛ dodoɔ bɛyɛ ahanan kɔkaa ne kuo he ho. Nso bekuu no, na bɛ a betiee no nyinaa bɔhweteeɛ ma ne kuo he guiɛ.
na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.