Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 6:1 - Apam Foforɔ

1 Anuanom, sɛ hohu sɛ bi afom a, ho a hoyɛ honhom mufoɔ he mfa akoma a ɔdwo mfa saa nipa he nsi yie. Honhwɛ ho ho yie sɛ ho nso bɛnnsɔ ho nhwɛ.

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 6:1
41 Referans Kwoze  

Afei yɛ a yɛ ho ɔdene he ɔsɛ sɛ yɛboa bɛ a bɛyɛ mmerɛ he, na yɛansɔ yɛ ankasa yɛ ani.


Nso hommmu saa nipa he sɛ ho tamfoɔ, na mmom honkasa nkyerɛ no sɛ nua.


na ɔde dwoɔ tenetene bɛ a bɛ ne no nyɛ adwene asɛm mu, sɛ ebia Nyankopɔn bɛma bɛ adwensakra ahu nɔkorɛ he,


Sɛ bi hu sɛ ne nua ayɔ bɔne bi a ɔmfa no nkɔ wuo mu a, ɔmmɔ Nyankopɔn a ɔbɛma no nkwa he mpaeɛ mma no. Yei ka bɛ a bɛ bɔne mfa bɛ nkɔ wuo mu he ho. Bɔne bi ya hɔ a ɔde nipa kɔ wuo mu na ɔno ho deɛ, menka sɛ hommɔ ho mpaeɛ nkyerɛ Nyankopɔn.


na afei deɛ, homfa nkyɛ no na honkyekyere ne werɛ na awerɛhoɔ ammene no.


na homma ho akwane ntene, na adeɛ biaa a abubu he amfiri ne nyinasoɔ so, na mmom anya ayaresa.


Na mmom homfa anidie mma Kristo sɛ Awurade na honsom no ho akoma. Honsiesie ho ho sɛ, berɛ biaa a bi bebisa gyidi a howɔ ya ho mu he ho asɛm he, hobɛkyerɛ no aseɛ


Honnye nea ne gyidie ɔmmerɛ he na hommmu atɛne ya adwene nnaayɛ ho.


Nti nea ɔyɛ no sɛ ogyina hɔ he, ɔnhwɛ na wanhwe ase.


Deɛ ɔya he ne hopɛ? Memfa abaa memmra honkyɛne, anaa dɔ deɛ ɔya dwoɔ honhom mu?


na yɛ nyinaa yɔ mfomsoɔ bebree. Nipa biaa a ɔnyɔ mfomsoɔ kasa mu he yɛ pɛ, na otumi to nipadua he nyinaa nnareka.


Afei m’ankasa Paulo a sɛ meya honkyɛne a, meyɛ hufoɔ, nso sɛ menni honkyɛne a meyɛ kokoɔdurufoɔ ma ho he, menam Kristo dwoɔ ne n’ayamyɛ so srɛ ho,


Honkɔ nkosua nea Nyankopɔn kyerɛ, sɛ ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na nyɛ afɔrebɔ.’ Na mamma sɛ meebɛfrɛ ateneneefoɔ, na mmom mebaa sɛ meebɛfrɛ nnebɔnyɛfoɔ.”


Sɛ bi ka sɛ ɔyɛ diyifoɔ, anaa ɔwɔ honhom mu tumi a, ɔsɛ sɛ ohu sɛ deɛ meetwerɛ ama ho yi yɛ ahyɛdeɛ firi Nyankopɔn hɔ.


Hommfa ho ho nkame ho ho gye ho mmienu apene so sɛ hobɛtena ase berɛ kakra bi, de anya adaagye ama mpaebɔ, na hoabehyia bio. Honyɔ ne saa na Satan ansɔ ho nhwɛ, ɔnam ahohyɛsoɔ a honni nti.


Bɛ a bɛya honhom mu he wɔ adeɛ nyinaa mu nhunumu, nso bɛ deɛ, afoforɔ nni bɛ nnoɔma mu nhunumu.


Nea ɔde n’adwene si honam nnoɔma so he kɔ wuom, na nea ɔde n’adwene si honhom nnoɔma so he nya nkwa ne asomdwie.


Homfa me konnua nto ho ho so, na honsua me, efiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu, na hobenya homee ama ho kra.


Ho mu hwane ne yɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa n’abrabɔ pa nkyerɛ sɛ ɔdwo, na ofiri nyansa mu ne yɔ ne nnwuma.


Honkae bɛ a bɛda afiase, te sɛ deɛ ho ne bɛ ne da hɔ ɔne bɛ a bɛyɔ bɛ ayakayakadeɛ te sɛ deɛ ho ne bɛ ne ohu amaneɛ.


dwoɔ, ne anidahɔ. Mmara biaa nni hɔ a otia yeinom.


Ne saa nti, anuanom, mantumi ne ho ankasa sɛ honhom mufoɔ, na mmom sɛ honam mufoɔ, Kristo mu nkokoa.


Na Petro kae Yesu asɛm a ɔkaa sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔno he na woapa me mprɛnsa.” Na ofirii adi kosuu yayaaya.


Berɛ a yeinom ɔɔkɔ so he na Petro te fie he adihɔ. Abaawa bi baa ne nkyɛne bɛkaa sɛ, “Wo nso na woka Yesu a ofiri Galilea he ho.”


Anuanom, yɛ Awurade Yesu Kristo adom nka ho honhom. Amen.


Deɛ otwa toɔ, anuanom, yɛsrɛ ho na yetu ho fo Awurade Yesu mu sɛ, hobesua sɛnea hobesi atena ase asɔ Nyankopɔn ani (sɛnea hooyɔ heaa), honkɔ so nyɔ no saa.


Nti mehyɛ ho nkurane sɛ honyi dɔ adi nkyerɛ no.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite