Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 5:10 - Apam Foforɔ

10 Mewɔ ho mu awerɛhyemu paa Awurade mu sɛ honnwene adwene foforɔ biaa. Nso nea ɔɔma ho adwene ayɔ ho ntanta he benya n’asotwee.

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 5:10
28 Referans Kwoze  

Ɔkaa me nkoaa a, nka bɛ a bɛmaa ho hweteeɛ he dii bɛ ho awu!


Nti homma yɛ a yɛanyini honhom mu he nya saa adwene korɔ heaa bi; na sɛ hokura adwene foforɔ bi a, yei nso Nyankopɔn beyi no adi akyerɛ ho.


nso asɛmpa foforɔ biaa nni hɔ, na mmom binom ya hɔ a bɛɛsɛe ho adwene, na bɛpɛ sɛ bɛdane Kristo asɛmpa he.


Na metwerɛɛ asɛm yiaa braa ho, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a sɛ meba a, bɛ a ɔsɛ sɛ bɛma m’ani gye he mma me werɛ ɔnho; efiri sɛ mewɔ ho nyinaa mu awerɛhyɛmu, sɛ m’anigyeɛ bɛyɛ ho nyinaa anigyeɛ.


bi ne Hemeneo ne Aleksandro a maagya bɛ ama Satan, na bɛasua sɛ bɛbɛtwe bɛ ho afiri abususɛnka ho.


Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, mma biaa nhyɛ me brɛ; efiri sɛ mewɔ Yesu ahyɛnsodeɛ me nipadua mu.


Ɔnyɛ adwenepa ne anuanom atorɔfoɔ he de yɔɔ adwuma-dene ya ho mu; na mmom bɛpɛ sɛ bɛtete me ne ho ntam, na hoapere ahwehwɛ bɛ mmom.


O, Galatifoɔ a hoyɛ adwenharefoɔ! Hwane ne adaadaa ho saa. Ho ampa ara a bɛde Yesu Kristo a bɛbɔɔ no asennuam agyina ho anim akyerɛ pefee paa di!


Na bɛ a nnipa bu bɛ sɛ akannifoɔ he (sɛnea bɛteɛ biaa nyɛ hwee mma me; Nyankopɔn nyɛ nyiyimu), mefam deɛ saa akannifoɔ he amfa bibi foforɔ biaa amma;


Nso ɔnam sɛ na anuanom atorɔfoɔ bi awiawia bɛ ho aba yɛ mu sɛ bɛbɛtetɛ yɛ ahwɛ ahofadie a yɛwɔ no Kristo Yesu mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde yɛ bɛkɔ Mmara nkoasom mu nti


Na yɛasiesie yɛ ho sɛ, sɛ hoyɔ setie adeɛ nyinaa mu a, yɛde asoɔdene nyinaa asotwe bɛma.


ɔsɛ sɛ hode saa nipa he hyɛ Satan nsa na ama ne honam he sɛe, na ne kra anya nkwa Awurade da he.


Esiane sɛ yɛate sɛ yɛ mu bi de nsɛm ɔɔteetee ho pɛ sɛ bɛsɛeɛ ho adwene berɛ a yɛmmaa bɛ akwankyerɛ biaa nti,


Meetwerɛ saa krataa yi abra wo yi, mewɔ ahotɔsoɔ sɛ wobetie, na menim sɛ wobɛyɔ akyɛne nea meesrɛ wo yi mpo.


Na yɛwɔ Awurade mu ahotɔsoɔ ho ho sɛ hoyɔ nea yɛhyɛ ho he, na hobɛkɔ so ayɔ saa.


mepɛ sɛ nka saa mmerɛ yi meya ho nkyɛne na metumi fa kwane foforɔ so ne ho kasa, efiri sɛ, ho asɛm he ha me paa.


Mesuro ma ho sɛ ebia adwuma a mayɔ ama ho he ayɛ kwa.


Yei nti ne menni ho nkyɛne he, meetwerɛ yei abra ho, na sɛ meba a, me ne ho anni no dendene, sɛnea tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhyɛ dene na memmfa nsɛe he teɛ.


na sɛ meba honkyɛne a mamfa ahotɔsoɔ anyɔ m’adeɛ akokoɔduro so sɛnea mede nnamyɛ yɔ adeɛ tia bɛ a bɛhwɛ yɛ sɛnea yɛteɛ honam mu he.


Na yɛasoma yɛ nua a yɛasɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ nnoɔma bebree mu he aka bɛ ho, na afei awerɛhyɛmu a ɔwɔ no ho mu nti, ɔma ne mmɔdemmɔ a ɔbɔ seesei he boro so.


M’ani agye sɛ bibiaa mu mewɔ ho mu awerɛhyɛmu.


Nti, ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, yennim biaa honam fam; ɔyɛ nɔkorɛ sɛ na yenim Kristo honam fam deɛ, nso yenhu no saa bio.


Animka a nnipa dodoɔ de aka saa nipa he dɔɔso ma no;


Menim yei nti ne mepɛɛ sɛ medi kane aba ho nkyɛne, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobenya adom mmɔho ne mprenu so;


Na hootu mmirika he yie; na afei deɛ hwane ne sii ho kwane sɛ honntie nɔkorɛ he?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite