7 Nti honyɛ nkoa bio na mmom hoyɛ mma, na sɛ hoyɛ mma a, honam Nyankopɔn so yɛ adedifoɔ.
Sɛ hoya Kristo afa a, hedeɛ hoyɛ Abraham asefoɔ, honam bɔhyɛ so yɛ adedifoɔ.
efiri sɛ, yɛnam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma Kristo Yesu mu.
Ne saa nti, anuanom, yɛnyɛ afenaa mma, na mmom yɛyɛ dehyeɛ mma.
Biaa a obedi nkunim he benya yei afiri me nkyɛne. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba.
“Akoa biaa ntumi nsom awuranom mmienu; efiri sɛ ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaa ɔde ne ho bɛbata baako na waabu baako animtia. Hontumi nsom Nyankopɔn ne ahonyadeɛ.”