Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 4:26 - Apam Foforɔ

26 Nso Yerusalem a ɔya soro he deɛ, ɔde ne ho, na ɔno ne yɛ na,

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 4:26
27 Referans Kwoze  

Na mmom, ho deɛ hoaba Sion Bepɔ so ne Nyankopɔn teasefoɔ he kuro, soro Yerusalem, ne abɔfoɔ bebree nhyiamu,


Na yɛ deɛ yɛ mane a yefiri mu ankasa ne soro, na hɔ ne yɛɛhwɛ Agyenkwa, Awurade Yesu Kristo anim afiri.


Na mehuu Kuro Kronkron a ɔyɛ Yerusalem foforɔ sɛ osiane afiri soro afiri Nyankopɔn nkyɛne ɔɔba fam, a bɛasiesie ne ho sɛ ayeforɔ a bɛahyehyɛ no ama ne kunu.


Nea obedi nkunim he, mɛma no ayɛ me Nyankopɔn asɔredane he fapem titire, na ommfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Nyankopɔn dini ne me Nyankopɔn kuro dini a ɔyɛ Yerusalem foforɔ a obefiri soro me Nyankopɔn nkyɛne aba he agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me dini foforɔ agu ne ho.


Na bɛatwerɛ sɛ Abraham woo mmeema mmienu, baako yɛ afenaa ba na baako he nso yɛ dehyeɛ ba.


na afei, berɛ a bɛagye ho afiri bɔne mu he, hoabɛyɛ tenenee nkoa.


Na bɔne amfa ho nommum bio, efiri sɛ honni mmara ase, na mmom hoya adom ase.


Nti sɛ Ba he ma ho fahodie a hobɛyɛ adehyeɛ ampa.


Hontena ase sɛ nnipa a bɛde bɛ ho, na bɛmfa bɛ ahofadie he nyɔ bɔne biaa nso. Na hontena ase sɛ Nyankopɔn nkoa.


Adehyedie nti ne Kristo ama yɛade yɛ ho. Nti, honnyina pintinn, hommfa ho ho nhyɛ nkoasom konnua ase bio.


Na bɛatwerɛ dini bi ya ne moma so a ne nkyerɛaseɛ yɛ ahintasɛm: “Babel kɛseɛ he, asaase so adwamanfoɔ ne akyiwadeɛ na.”


Afei Hagar gyina hɔ ma Sinai Bepɔ a ɔya Arabia; na ɔno ne asaase yi so Yerusalem nsɛso, na ɔne ne mma ya nkoasom mu.


Afei nsɛnkyerɛnne kɛseɛ bi daa ne ho adi soro. Baa bi pieeɛ a na ofira awia a bosome ya ne nane ase, na nsoromma dummienu ahenkyɛ hyɛ no.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite