Na bɛkaa sɛ, “Galilea mmeema, ɛɛne nti na hogyina ha ɔɔhwɛ soro haa yi? Yesu yi a bɛafa no ho nkyɛne kɔ soro yi, ɔbɛba saa, sɛnea hohu no sɛ ɔɔkɔ soro yi.”
Yerusalem! Yerusalem! Wo a woku adiyifoɔ na wosi bɛ a bɛasoma bɛ wo nkyɛne aboɔ; hwɛ mprɛ dodoɔ a mepɛɛ sɛ meboaboa wo manfoɔ ano sɛnea akokɔbaatane boaboa ne mma ano hyɛ ne ntabane ase, nso woampene so!
“Yerusalem, Yerusalem, kuro a oku adiyifoɔ na osi bɛ a bɛasoma bɛ ne nkyɛne aboɔ! Hwɛ mprɛ dodoɔ a meepɛ sɛ mɛboaboa wo mma ano sɛdeɛ akokɔ baatane boaboa ne mma ano ne ntabane ase, nso hoampɛ!
Afei yei yɛ mfantoho: saa mmaa mmienu yi gyina hɔ ma apam mmienu. Nɔkwasɛm, baa he mu baako a ɔno ne Hagar a ofiri Sinai Bepɔ so, woo mma guu nkoasom mu.