Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 4:19 - Apam Foforɔ

19 Me mma nkumaa a meko ho awoɔ bio sɛ ɔbɛyɛ a Kristo su bewie pɛyɛ ho mu,

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 4:19
28 Referans Kwoze  

Na bɛ a ohuu bɛ sieeɛ he, oyii bɛ too hɔ sɛ bɛnsɛ ne Ba he, sɛnea ɔbɛyɛ a ne Ba he bɛyɛ abakane nnipa bebree mu.


kosi sɛ yɛ nyinaa beduru Nyankopɔn Ba he ho gyidie baakoyɛ ne nimdeɛ mu, na yɛbɛwie nyini honhom mu, adi mu sɛnea Kristo a ɔyɛ susudua a ɔyɛ pɛ he teɛ;


Na mmom, homfa Awurade Yesu Kristo nhyɛ (sɛ ataadeɛ), na homma kwane mma honam, akɔnnɔ nni ho so!.


na homfa nipasu foforɔ nhyɛ, tenenee ne kronkronyɛ mapa mu sɛ nnipa a Nyankopɔn abɔ bɛ sɛ ne nsɛso.


Kristo Yesu somfo Epafra a ofiri ho mu he kyea ho. Daa odima ma ho dendenndene ya mpaebɔ mu, sɛ hobegyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na hoayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


na hoahyɛ nipasu foforɔ a bɛnam nɔkorɛ nimdeɛ so a ɔɔyɔ no foforɔ sɛnea nea ɔbɔɔ no he subane teɛ.


Honnya adwene a ɔya Kristo Yesu mu heaa bi;


Ɔnam n’asɛm a ɔyɛ nɔkorɛ so ne woo yɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔno ankasa ne pɛ bɛba mu, na yɛabɛyɛ sɛ n’abɔdeɛ mu aba a odi kane.


ama m’abɔfra Onesimo a mabɛyɛ n’agya m’afiase mpokyerɛ yi mu.


Bɛne Nyankopɔn ayi bɛ sɛ benhu sɛnea n’ahintasɛm yi animuonyam kɛseɛ he bɛda adi amanamane mufoɔ mu, ɔno ne Kristo a ɔya ho mu a ɔyɛ animuonyam anidasoɔ he.


Na mepɛ sɛ hohu apereapereɛ dendene a medi no ho ho ne bɛ a bɛya Laodikea ne bɛ a benhuu m’anim honam mu nyinaa nso ho.


Na mpo, sɛ ɔsɛ sɛ behwie me mogyaa gu sɛ beegu nsa ɔnam ho gyidie ne ho afɔrebɔ nti a, ɔma m’ani gye, na me ne ho nyinaa di ahurusie,


Na Nyankopɔn yɛ me danseni sɛ mede Kristo Yesu dɔ kae ho nyinaa.


Me mma nkumaa, hontwe ho ho mfiri ahonyini ho.


Mma nkumaa, meetwerɛ ho krataa yi, efiri sɛ, ne dini nti, bɛde ho bɔne akyɛ ho.


Me mma nkumaa, meetwerɛ yei abra ho na aboa ho ama hoanyɔ bɔne; na sɛ bi yɔ bɔne a, yɛwɔ kamafoɔ bi ya Agya he nkyɛne, ɔno ne Yesu Kristo teneneeni he.


Berɛ a Yesu ya honam mu he, ɔde nteamu ne nisuo ne nkotosrɛ mpaebɔ kɔɔ deɛ obetumi agye no afiri wuom he anim, na ne nyamesuro nti otiee no.


twerɛ krataa yi de kɔma Tito a ɔyɛ me ba kann gyidie korɔ heaa mu: Adom ne asomdwie a ofiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛ Agyenkwa nka wo!


Meaa Paulo ne mede me nsa ɔɔtwerɛ saa krataa yi sɛ metua ka biaa. Onhia mpo sɛ mɛkae wo sɛ wode me ka, mpo wo nipadua ho ka.


twerɛ krataa yi de kɔma Timoteo, me gyidie mu ba kann: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwie a ofiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛ Awurade nkyɛne nka wo.


Na berɛ a ne ho yera no he, ɔbɔɔ mpaeɛ dendenndene; na ne ho mfifire yɛɛ sɛ mogyaa a ɔɔsosɔ gu fam.]


Hwɛ, masiesie me ho sɛ meeba honkyɛne ne mprɛnsa so. Na menyɛ ho so adesoa, efiri sɛ menhwehwɛ ho hɔ bibiaa ka ho kra ho; na ɔnsɛ sɛ mma ne pɛ adeɛ ma awofoɔ na mmom awofoɔ ne pɛ ma mma.


nso yɛbrɛ yɔɔ ho brɛbrɛ, sɛdeɛ baatane de akorɔkorɔ hwɛ ɔnoaa ne mma.


Bibiaa nyɛ me anigye nkyɛne sɛ mɛte sɛ me mma he nam nɔkorem.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite