efiri sɛ nnipa a bɛte saa he nsom yɛ Awurade Kristo, na mmom bɛsom bɛ a bɛ akɔnnɔ, na bɛde kɛtrɛma dɛ ne adɛfɛdɛfɛsɛm daadaa bɛ a bennim bɔne he akoma.
Saa atorɔ adiyifoɔ yi nam bɛ adufudepɛ so bɛka nnaadaasɛm akyerɛ ho de apɛ ho ho mfasoɔ. Na bɛ deɛ bɛ atemmuo a ɔya hɔ firi teteete he ntwentwɛne ase, saa nso ne bɛ sɛefoɔ he nso gyina bɛ aboboa ano pɛɛ.
Ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hotware po ne asaase kɔ sɛ hokɔsakra nipa baako, na homa saa nipa he bɛyɛ ho fekuoni; na sɛ ɔyɛ a, homma ɔbɛfata brosamgyam amanehunu mprenu sɛ ho ankasa.