Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 4:14 - Apam Foforɔ

14 ewom sɛ me tebea he yɛ nsɔhwɛ ma ho deɛ, nso hoammu me animtia, na hoampo me, na mmom hogyee me sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, sɛ nea hogyee Kristo Yesu ankasa he.

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 4:14
23 Referans Kwoze  

“Biaa a ɔgye ho he gye me, na deɛ ɔgye me he gye deɛ ɔsomaa me he nso.


Yei nti yɛda Nyankopɔn ase daa, sɛ hogyee Nyankopɔn asɛmpa a hote firi yɛ hɔ he, hoannye no sɛ nipa asɛm, na mmom hogyee no sɛdeɛ ɔteɛ ankasa, Nyankopɔn asɛm mapa a ɔɔyɔ adwuma ho agyidifoɔ ho mu.


Hommmu ho ani ngu ahɔhoyɛ so. Na binom nam ahɔhoyɛ so yɔɔ abɔfoɔ papa a na bennim sɛ bɛyɛ abɔfoɔ mpo.


Nti yɛyɛ Kristo anamusifoɔ, ɔne sɛ Nyankopɔn nam yɛ so ootu fo; nti yegyina Kristo anamu tu ho fo sɛ, homma bɛmpata ntwe ho mfam Nyankopɔn ho.


Nti nea ɔpo yei he mpo nnipa, na mmom ɔpo Nyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ama ho he.


Honim sɛ da a medii kane kaa asɛmpa he kyerɛɛ ho he, na meyare;


Kristo nti yɛyɛ nkwaseafoɔ, nso ho deɛ hoyɛ anyansafoɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nso ho ɔdene. Howɔ animuonyam, yɛ deɛ bebu yɛ animtia.


Na Nyankopɔn fa wiase yi mu adeɛ a ɔnsɛ hwee ne nea bebu no animtia, nnoɔma a onni hɔ de brɛ deɛ ɔya hɔ he ase,


Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye biaa a mesoma no he gye me nso. Saa nso ne nea ɔgye me nso gye nea ɔsomaa me he nso.”


“Nea otie ho he tie me nso. Na nea obu ho animtia he bu me nso animtia. Afei nso, nea obu me animtia he bu nea ɔsomaa me he nso animtia.”


Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’


“Deɛ ɔgye abɔfra a ɔte sei baako me dini mu he, ɔgye me.


efiri sɛ, yɛnam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma Kristo Yesu mu.


Nsonsonoeɛ nni Yudani anaa Helani, akoa anaa dehyeɛ, baa anaa beema ntam bio, efiri sɛ, ho nyinaa yɛ baako Kristo mu.


Ho anigyeɛ a honyaeɛ he faa he? Na medi adanseɛ sɛ, sɛ na hobetumi mpo a, nka hotutuu ho ani maa me.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite