8 Na ɔnam sɛ twerɛsɛm he hu sieeɛ sɛ ɔnam gyidie so ne Nyankopɔn bebu Amanamane mufoɔ bem nti, ɔkaa asɛmpa he ho asɛm kyerɛɛ Abraham sɛ, “Wo mu ne bebehyira Amanamane mufoɔ nyinaa,” ansa na asɛmpa he ɔɔba.
Na bɛde bɔhyɛ he maa Abraham ne n’aseni; twerɛsɛm he nka sɛ, “Ɔne n’asefoɔ,” te sɛ nea bɛyɛ bebree; na mmom ɔka sɛ, “Ɔne w’aseni,” nti, n’aseni he yɛ nipa baako, na ɔno ne Kristo.
Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛne ne totorobɛnto he, na nne dendene bi firi soro kaa sɛ, “Wiase ahennie ayɛ yɛ Awurade ne ne Kristo he dea, na obedi hene daa daa.”