Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 3:18 - Apam Foforɔ

18 Na sɛ agyapadeɛ firi mmara he mu a, na omfiri bɔhyɛ mu bio; nso Nyankopɔn nam bɔhyɛ so ne de agyapadeɛ he maa Abraham.

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 3:18
14 Referans Kwoze  

Memma Nyankopɔn adom he nyɛ kwa; na sɛ bembuo nam mmara so ne ba a, hedeɛ na Kristo awu kwa.


Sɛ hoya Kristo afa a, hedeɛ hoyɛ Abraham asefoɔ, honam bɔhyɛ so yɛ adedifoɔ.


na sɛ yɛyɛ mma a, hedeɛ yedi adeɛ nso, yɛyɛ Nyankopɔn adedifoɔ, na yɛ ne Kristo bom di adeɛ; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ ne no hu amaneɛ a, saa ara nso ne bɛbɛhyɛ yɛne no animuonyam abom.


efiri sɛ, yɛnam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma Kristo Yesu mu.


Na bɛde bɔhyɛ he maa Abraham ne n’aseni; twerɛsɛm he nka sɛ, “Ɔne n’asefoɔ,” te sɛ nea bɛyɛ bebree; na mmom ɔka sɛ, “Ɔne w’aseni,” nti, n’aseni he yɛ nipa baako, na ɔno ne Kristo.


Nso mmara he mfiri gyidie mu; na mmom, “Biaa a ɔyɔ mmara nnwuma he nam mmara he so ne bɔ ne bra.”


Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite