Nso nea mewɔ nsɛm bi tia wo: Wososɔɔ baa bi a ne dini de Isebel, a ɔfrɛ ne ho diyifoɔ he so. Saa baa yi kyerɛkyerɛ, na odi m’asomfoɔ anim ma bɛbɔ adwamane di abosom-nnuane.
Na berɛ aduru sɛ bebu atɛne, na Nyankopɔn nkurofoɔ ne bebedi kane abu bɛ atɛne. Na sɛ befiti aseɛ ya yɛ so a, mmɛ kwane so ne ɔbɛfa akɔ bɛ a bɛnnye Asɛmpa a ofiri Nyankopɔn nkyɛne he nni he nkyɛne?
sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ.
ɔyɛ nipa a ahomasoɔ ahyɛ no ma, onnim hwee, n’asɛm yɛ twintwann, na ɔgye asɛm biaa ho akyinnye ma no de ahoɔyeya, mpaepaemu, nantitwitwa, nnipa ho adwemmɔne,
Nso berɛ a mehuu sɛ bɛ adwene nsi bɛ pi sɛnea asɛmpa he nɔkorɛ teɛ he, meka kyerɛɛ Kefa bɛ nyinaa bɛ anim sɛ, “Sɛ wo a, mpo woyɛ Yudani, wobɔ wo bra sɛ Amanamane muni na ɔnyɛ sɛ Yudani a, mmɛ nti ne wopɛ sɛ wohyɛ Amanamane mufoɔ sɛ bɛmmɔ bɛ bra sɛ Yudafoɔ?”
Efiri sɛ, amanamane nyinaa anom n’adwamammɔ nsa dendene he bi, na asaase so ahemfo ne no abɔ adwamane, na asaase so adwadifoɔ anya bɛ ho ɔnam n’akɔnnɔbɔne ntrasoɔ nti.”
Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.
Na kristo-atorɔfoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bebree bɛba abɛyɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ, de adaadaa binom, sɛ ɔbɛyɛ yie a bɛ a bɛayi bɛ he mpo nka bɛbɛdadaa bɛ.
Na me deɛ, anuanom, sɛ meda so ka twetiatwa ho asɛm a nka mmɛ nti ne bɛda so taa me? Sɛ nka meda so ka twetiatwa ho asɛm a, hedeɛ na nka asennua he nto sintidua bio.