Na nnipadɔm he nyinaa yɛɛ komm, na betiee Barnaba ne Paulo berɛ a bɛkaa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a Nyankopɔn nam bɛ so ayɔ ama amanamane mufoɔ ho asɛm.
Nso Nyankopɔn adom nti ne mete sɛdeɛ meteɛ yi, na n’adom a ɔya me so he nyɛ kwa. Mmom meyɛ adwuma sene bɛ nyinaa— ɔyam sɛ na ɔnyɛ me deɛ, na mmom sɛdeɛ Nyankopɔn adom a ɔte me mu he teɛ.
Afei nso, hoahu na hoate sɛnea ɔnyɛ Efeso nko na Paulo yi adane nnipakuo pii adwene ama bɛanya adwene foforɔ, na mmom ɔkame ayɛ sɛ Asia mantam mu nyinaa, na ɔka sɛ nea bɛde nsa ayɔ he nyɛ anyame.
Yei nti yɛda Nyankopɔn ase daa, sɛ hogyee Nyankopɔn asɛmpa a hote firi yɛ hɔ he, hoannye no sɛ nipa asɛm, na mmom hogyee no sɛdeɛ ɔteɛ ankasa, Nyankopɔn asɛm mapa a ɔɔyɔ adwuma ho agyidifoɔ ho mu.