Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 2:6 - Apam Foforɔ

6 Na bɛ a nnipa bu bɛ sɛ akannifoɔ he (sɛnea bɛteɛ biaa nyɛ hwee mma me; Nyankopɔn nyɛ nyiyimu), mefam deɛ saa akannifoɔ he amfa bibi foforɔ biaa amma;

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 2:6
22 Referans Kwoze  

Ɔnam adiyie bi so nti ne mekɔeɛ. Na mede asɛmpa a meka no Amanamane mufoɔ mu he too bɛ anim (mmom ɔyɛ mpanyimfoɔ a bɛagye bɛ atom he ne me ne bɛ yɔɔ kokoam nhyiamu), sɛnea ɔbɛyɛ a mirika a meetu, anaa nea metuiɛ he, ɔnyɛ kwa.


Na Petro biee n’ano kaa sɛ, “Nɔkwasɛm di, maahu sɛ Nyankopɔn nyɛ nyiyimu,


Maayɛ sɛ kwasea! Ho ne hohyɛɛ me ma meyɔɔ saa. Nɔkorɛ di ɔsɛ sɛ nka hoyi me ayɛ, efiri sɛ asomafoɔ a hobu bɛ atitire he nkyɛne me bibiaa mu, nso menyɛ hwee mpo.


Na sɛ bɛ a benni mu bu bɛ ho sɛ bedi mu a, bɛdaada bɛ ho.


Nso mehu sɛ asomafoɔ a hobu bɛ atitire he nkyɛne me bibiaa mu.


efiri sɛ Nyankopɔn nyɛ nyiyimu.


Na sɛ hofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim, na obu atɛne sɛdeɛ biaa adwuma teɛ he sɛ Agya a, homfa suro mmɔ ho bra ho ahɔhobea tenabea yi mu.


Homfa buo ne ahobrɛaseɛ ma ho mpayimfoɔ, efiri sɛ bɛwɛne ho kra sɛ bɛ a bebu ho akonta. Homma bɛmfa anigye nyɔ na ɔnyɛ ahomeguo so, sɛ bɛde ahomeguo a, ɔnyɛ mfasoɔ biaa mma ho.


Honkae ho mpayimfoɔ, bɛ a bɛkaa Nyankopɔn asɛm he kyerɛɛ ho; honhwɛ sɛdeɛ bɛ abrabɔ wieeɛ, na honsua bɛ gyidie.


Nti, ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, yennim biaa honam fam; ɔyɛ nɔkorɛ sɛ na yenim Kristo honam fam deɛ, nso yenhu no saa bio.


Na bebisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ wo nsɛm ne wo nkyerɛkyerɛ yɛ nɔkorɛ na wonyɛ nyiyimu, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane nɔkorɛ mu.


Na bɛba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woka nɔkorɛ, na wonyɛ nyiyimu, efiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim mmu ntɛnkyea, na mmom wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane nɔkorem. Ɔyɛ sɛ yetua toɔ ma Kaesare anaa ɔnyɛ?


Nti bɛsomaa bɛ asuafoɔ ne Herodefoɔ kɔɔ ne nkyɛne, kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ nɔkwafoɔ, wonam nɔkorɛ so kyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane, na wonsuro nipa biaa, saa nso ne wonhwɛ nnipa anim.


Hwɛ, berɛ bi a atwam he Teuda sɔre kaa sɛ “Meyɛ dikanfoɔ titire bi”, na mmeema a bɛ dodoɔ bɛyɛ ahanan kɔkaa ne kuo he ho. Nso bekuu no, na bɛ a betiee no nyinaa bɔhweteeɛ ma ne kuo he guiɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite