Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 2:4 - Apam Foforɔ

4 Nso ɔnam sɛ na anuanom atorɔfoɔ bi awiawia bɛ ho aba yɛ mu sɛ bɛbɛtetɛ yɛ ahwɛ ahofadie a yɛwɔ no Kristo Yesu mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde yɛ bɛkɔ Mmara nkoasom mu nti

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 2:4
29 Referans Kwoze  

Na nnipa bi awiawia bɛ ho aba mu a befiri tete atwerɛ bɛ ho asɛm ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɔfoɔ a bɛde akohwibra bu Nyankopɔn adom he animtia, na bɛpo Owura korɔ a ɔne Awurade Yesu Kristo he.


Adehyedie nti ne Kristo ama yɛade yɛ ho. Nti, honnyina pintinn, hommfa ho ho nhyɛ nkoasom konnua ase bio.


Saa ara ne yɛ nso yɛteɛ; berɛ a na yɛyɛ mmɔfra he, ahonhom a bɛyɛ wiase mfitiasedeɛ he faa yɛ nkoa.


Akwantuo pii mu, asubɔntene so asiane mu, adwotwafoɔ asiane mu, amannifoɔ mu asiane mu, amanamane mu asiane mu, kuro mu asiane mu, serɛ so asiane mu, po so asiane mu, anuanom atorɔfoɔ mu asiane mu;


Adɔfo, honnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom honsɔ ahonhom he nhwɛ sɛ befiri Nyankopɔn anaa; efiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree aba wiase.


Atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ he hyɛ bɛ bɔ sɛ bɛbɛma bɛ ahofadie, nso bɛ ankasa deɛ bɛyɛ porɔeɛ nkoa efiri sɛ nipa biaa yɛ akoa ma bibiaa a odi ne so.


Na yeinom mu bi ne bɛ a bɛkɔ afie mu na bɛfa mmaa adwenemharefoɔ na bɔne ahyɛ bɛ ma, na akɔnnɔ ahodoɔ afa bɛ nommum,


Mewɔ ho mu awerɛhyemu paa Awurade mu sɛ honnwene adwene foforɔ biaa. Nso nea ɔɔma ho adwene ayɔ ho ntanta he benya n’asotwee.


Na sɛ bi di ho nya, sɛ bi didi ho ho, sɛ bi fa ho nommum, sɛ bi ma ne ho so, sɛ bi bɔ ho ani so a, hobehu ama no.


Na saa nnipa yinom yɛ asomafoɔ atorɔfoɔ, adwumayɔfoɔ nnaadaafoɔ, bɛyɛ bɛ ho sɛ Kristo asomafoɔ.


Na Awurade ne Honhom he, na baabi a Awurade Honhom ya he, faahodie ya hɔ.


Hoaa ho mu mmeema bɛsɔre akasa adane nɔkorɛ he de atwe asafo he adi bɛ akyi.


Esiane sɛ yɛate sɛ yɛ mu bi de nsɛm ɔɔteetee ho pɛ sɛ bɛsɛeɛ ho adwene berɛ a yɛmmaa bɛ akwankyerɛ biaa nti,


Afei nnipa binom baa Yudea a na bɛɛkyerɛkyerɛ sɛ, “Sɛ bɛantwa wo twetia sɛnea Mose mmara he ka he a, wontumi nya nkwa.”


Hontena ase sɛ nnipa a bɛde bɛ ho, na bɛmfa bɛ ahofadie he nyɔ bɔne biaa nso. Na hontena ase sɛ Nyankopɔn nkoa.


Afei Hagar gyina hɔ ma Sinai Bepɔ a ɔya Arabia; na ɔno ne asaase yi so Yerusalem nsɛso, na ɔne ne mma ya nkoasom mu.


Deɛ meeka he, menka no Awurade tumi mu, na mmom meka no sɛ bi a ɔyɛ adwenmuhareni ɔnam ahotɔsoɔ ntrasoɔ a wanya no ahohoahoa mu nti.


Na sɛ hoannya akoayɛ honhom a ɔbɛma ho asane akɔ hu mu bio, na mmom hoanya abayɛ honhom. Nti yetumi team sɛ, “Abba! Agya!”


nso asɛmpa foforɔ biaa nni hɔ, na mmom binom ya hɔ a bɛɛsɛe ho adwene, na bɛpɛ sɛ bɛdane Kristo asɛmpa he.


Nso deɛ ɔhwɛ mmara a ɔyɛ pɛ mu he, mmara a ɔma ahofadie he tena ne mu, ɔnyɛ tiefoɔ werɛfirefoɔ na mmom ɔyɛ deɛ otie na ɔyɔ, bebehyira no deɛ ɔyɔ nyinaa mu.


Mmom ɔsɛ sɛ bɛde bobesa mono gu nsa kotokuo foforɔ mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite