Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 2:19 - Apam Foforɔ

19 Na menam mmara he so wu maa mmara he, sɛnea ɔbɛyɛ a mɛtena ase ama Nyankopɔn. Bɛabɔ me ne Kristo asennua mu;

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 2:19
28 Referans Kwoze  

Annuanom, saa kwane he so ne honam Kristo nipadua so awu mmara he fam, saa nti, hohyɛ nipa foforɔ ase, nea benyanee no firi awufoɔ mu na ɔnam so ama yɛ aso aba ama Nyankopɔn.


Daabi da, ɔnsɛ sɛ yɛyɔ saa koraa! Mmɛ nti ne ɔsɛ sɛ yɛ a yɛawu ama bɔne kɔ so tena bɔne mu?


Ɔno Kristo ne wu maa yɛ sɛ ɔbɛyɔ a sɛ yɛte ase oo, sɛ yewu oo, yɛne no bɛtena ase.


Na owu maa yɛ nyinaa, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛ a bɛte ase he ntena ase mma bɛ ho bio, na mmom bɛbɛtena ase ama deɛ owuiɛ na ɔsɔre maa bɛ he.


Nti ho nso ho mu ho ho sɛ hoawu ama bɔne ampa na hote ase ma Nyankopɔn, Kristo mu.


efiri sɛ Honhom mu nkwa mmara he ama ho faahodie Kristo Yesu mu afiri bɔne ne wuo mmara he mu.


Kristo he ankasa soaa yɛ bɔne ya ne honam mu kɔɔ asennua he so sɛnea yebewu ama bɔne, na yɛatena ase tenenee mu. Ne mmaa ntampeɛ mu ne hoanya ayaresa.


Na bɔne amfa ho nommum bio, efiri sɛ honni mmara ase, na mmom hoya adom ase.


Saa nti ne bɛkaa Asɛmpa he kyerɛɛ awufoɔ, sɛdeɛ bebebu bɛ atɛne sɛ ateasefoɔ a bɛya honam mu, na bɛatena ase honhom mu sɛ Nyankopɔn.


ɔbɛyɛ dɛ ne Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ho nni dɛm maa Nyankopɔn he mogyaa ontumi nte ho ahonim ho mfiri nnwuma funu nyinaa mu ma ho nkɔsom Nyankopɔn a ɔte ase he?


Ɔno ne de ne ho maeɛ ɔnam yɛ nti sɛ ɔbɛgye yɛ afiri amumuyɔ nyinaa mu na wate yɛ ho afa yɛ ayɛ ɔno ankasa ne nkurofoɔ a bɛbɔ mmɔdene nwuma pa mu.


Nti sɛ ho ne Kristo anya awu afiri wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, mmɛ nti ne hode ahyɛdeɛ to ho ho so sɛdeɛ hoda so yɛ wiasefoɔ,


Nti mmara he bɛyɛɛ kwankyerɛfoɔ kosii sɛ Kristo baeɛ, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛnam gyidie so bebu yɛ bem.


na ɔnyɛ me ne mete ase bio, na mmom ɔyɛ Kristo ne te me mu, nɔkwasɛm ne sɛ m’ase a mete no honam mu seesei yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho maa me he mu gyidie mu.


efiri sɛ hoawu, na bɛde ho nkwa ahinta Nyankopɔn mu sɛnea bɛde Kristo nso ahinta ne mu he.


Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”


Nti sɛ hodidi oo, honom oo, hoyɛ bibiaa oo, honyɔ ne nyinaa nhyɛ Nyankopɔn animuonyam.


Na yenim sɛ mmara he yɛ honhom; nso meya honam mu a, bɛatɔno me ahyɛ bɔne nkoasom ase.


Nso mmara he baa sɛ mmarato bɛdɔɔso; nso sɛ bɔne dɔɔso a, adom broo so kyɛne saa.


efiri sɛ mmara he twetwe Nyankopɔn abufuo ba; na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato biaa nso nni hɔ.


Meyɛɛ me ho sɛ Yudani maa Yudafoɔ, sɛdeɛ ɔbɛyɔ a menya bɛ ama Kristo, meyɛɛ me ho sɛdeɛ mehyɛ mmara ase (ɔyam sɛ menhyɛ mmara ase deɛ) maa bɛ a bɛhyɛ mmara ase, sɛdeɛ ɔbɛyɔ a menya bɛ ama Kristo.


Menhoahoa me ho bibiaa ho ka yɛ Awurade Yesu Kristo asennua a ɔnam so abɔ wiase asennua mu ama me, na me nso bɛabɔ me asennua mu ama wiase.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite