Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 2:16 - Apam Foforɔ

16 nso yenim sɛ ɔnyɛ mmara nnwuma so ne bɛbɛfa abu bi bem, na mmom ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so. Na yɛabɛgye Kristo Yesu adi, sɛnea ɔbɛyɔ a bɛnam Kristo mu gyidie so bebu yɛ bem, na mmom ɔnnam mmara nnwuma a yɛbɛyɔ so, efiri sɛ, biaa nni hɔ a bɛnam mmara nnwuma he so bebu no bem.

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 2:16
41 Referans Kwoze  

na bɛahu me ya ne mu, a menni meaa me tenenee a ofiri mmara he mu na deɛ ofiri Kristo mu gyidie mu, Nyankopɔn tenenee a ogyina gyidie so.


Afei deɛ ɛɛne ne yɛbɛka? Amanamane mufoɔ, a bɛanhwehwɛ tenenee he, bɛ nsa aka, ɔne sɛ, tenenee a ofiri gyidie mu;


Na Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko; ɔno a ɔtene he wu maa abɔnefoɔ, na ɔde ho akɔ Nyankopɔn nkyɛne; ɔno na bekuu no honam mu nso, ɔnam Honhom he so sɔreeɛ,


Sɛ nnwuma mu ne bebuu Abraham bem a, nka ɔwɔ nea ɔde bɛhoahoa ne ho, nso ɔnyɛ Nyankopɔn anim.


Kristo he ankasa soaa yɛ bɔne ya ne honam mu kɔɔ asennua he so sɛnea yebewu ama bɔne, na yɛatena ase tenenee mu. Ne mmaa ntampeɛ mu ne hoanya ayaresa.


Na Nyankopɔn ayɔ nea mmara he antumi anyɔ, ɔne sɛ ɔnam honam mmerɛyɛ nti ɔsomaa ɔnoaa ne Ba, honam subane mu maa no bɛyɛɛ nipa te sɛ yɛ nnipa adebɔneyɛfoɔ yi sɛ ɔne bɔne nni asie, na odii bɔne so nkunim honam mu,


efiri sɛ, Nyankopɔn yɛ baako; na ɔnam gyidie korɔ he a so ne bebu twetiatwafoɔ ne bɛ a bentwaa bɛ twetia bem.


Na asɛmpa he mu ne Nyankopɔn tenenee da adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu; sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Nea ɔtene he nam gyidie so ne benya nkwa.”


Na sɛ yɛnante hann he mu sɛnea ɔno nso nante mu he a, hedeɛ na yɛ ne yɛ ho yɛ ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu he mogyaa te yɛ ho firi bɔne nyinaa ho.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


Yei akyi he, mehwɛeɛ, na mehuu nnipakuo a biaa ntumi nkane bɛ dodoɔ a befiri amane ne mmusuakuo ne nkurofoɔ ne kasa nyinaa mu a begyinagyina ahennwa he ne Adwamaa he anim a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa kitakita berɛɛ.


Wo a wopɛ sɛ bɛde mmara bu wo bem he woate wo ho afiri Kristo ho; woahwe ase afiri adom ho.


Saa ne nka ho mu bi teɛ. Na afei bɛnam yɛ Nyankopɔn Honhom so adware ho, ate ho ho, abu ho bem Awurade Yesu Kristo dini mu.


Nso bɛatwerɛ yei ato hɔ na ama hoagye adi sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn Ba, na hogye di a, hoanya nkwa ne dini mu.


sɛ ɔbɛyɛ a ɔbɛgye bɛ a na bɛya mmara ase, na ama wafa yɛ ayɛ Nyankopɔn mma.


Mebuaa sɛ “Owura, wo ne wonim.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne bɛ a bɛafiri taa mu, na bɛde Adwamaa he mogyaa ahohoro bɛ ntaadeɛ ama ayɛ fitaa.


Ɔnam Agya Nyankopɔn botaeɛ so ne beyii ho, na ɔnam ne Honhom so tee ho ho sɛ honyɔ setie mma Yesu Kristo na ɔnam so ama ne mogyaa he ate ho ho. Adom ne asomdwie mmorosoɔ nka ho.


na mmom bɛtwerɛ maa yɛ nso; na bɛabu yɛ a yɛgye nea ɔnyanee Yesu a ɔyɛ yɛ Awurade firii awufoɔ mu he di nso sɛ yɛ tene.


Nkwagyeɛ nni bi foforɔ mu, efiri sɛ dini foforɔ biaa nni soro anaa asaase so a bɛde ama nnipa sɛ bɛmfa so nye yɛ nkwa ka Yesu dini ho.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite