Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 2:14 - Apam Foforɔ

14 Nso berɛ a mehuu sɛ bɛ adwene nsi bɛ pi sɛnea asɛmpa he nɔkorɛ teɛ he, meka kyerɛɛ Kefa bɛ nyinaa bɛ anim sɛ, “Sɛ wo a, mpo woyɛ Yudani, wobɔ wo bra sɛ Amanamane muni na ɔnyɛ sɛ Yudani a, mmɛ nti ne wopɛ sɛ wohyɛ Amanamane mufoɔ sɛ bɛmmɔ bɛ bra sɛ Yudafoɔ?”

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 2:14
30 Referans Kwoze  

yɛ deɛ, yɛampene so amma bɛ koraa, sɛnea ɔbɛyɛ a asɛmpa he bɛkɔ so atena ho mu.


na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ankasa honim pefee sɛ mmara mma kwane sɛ Yudani ne abusua foforɔ munii bɛbɔ anaa ɔbɛbɛne no, nso Nyankopɔn akyerɛ me sɛ ɔnsɛ sɛ mefrɛ nipa biaa sɛ ne ho agu fi anaa ne ho nte.


Na bɛ a bɛkɔ so tena bɔne mu he deɛ, yi bɛ atene nnipa nyinaa anim na ama bɛ a bɛaka he nso bɛasuro.


Ɔyɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛ anim bɛba nyam honam mu he ne bɛhyɛ ho sɛ hontwa twetia, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛnntaa bɛ Kristo asennua he ho.


na homma ho akwane ntene, na adeɛ biaa a abubu he amfiri ne nyinasoɔ so, na mmom anya ayaresa.


na mmom, ɔyɛ nhyehyɛeɛ a ɔfa aduane ne anonneɛ ne asubɔ hodoɔ ho, nhyehyɛeɛ a ɔfa nipadua he ho nkoaa kosi sɛ mmerɛ bɛbɛba a bɛtoto nnoɔma nyinaa yie.


na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.


na mmom, berɛ a behuu sɛ bɛde bɛ a bentwaa bɛ twetia mu asɛmpa-ka ahyɛ me nsa, sɛnea Petro nso bɛde twetiatwafoɔ mu asɛmpa ka ahyɛ ne nsa he


Menim na megye di Awurade Yesu mu sɛ bibi biaa nni hɔ a honnte ankasa; nso honnte mma nea ɔdwene sɛ honnte.


Esiane sɛ yɛate sɛ yɛ mu bi de nsɛm ɔɔteetee ho pɛ sɛ bɛsɛeɛ ho adwene berɛ a yɛmmaa bɛ akwankyerɛ biaa nti,


Nso bɛanhyɛ Tito mpo a na ɔka me ho a ɔyɛ Helani he sɛ ontwa twetia.


Afei nnipa binom baa Yudea a na bɛɛkyerɛkyerɛ sɛ, “Sɛ bɛantwa wo twetia sɛnea Mose mmara he ka he a, wontumi nya nkwa.”


Na Farisifoɔ he mu binom a bɛagye Nyankopɔn asɛm adi he sɔre kaa sɛ, “Ɔsɛ sɛ betwa bɛ twetia na bɛhyɛ bɛ sɛ benni Mose mmara so.”


Ɔyɛ me ahodwiri sɛ hootwe ho ho ntɛm afiri nea ɔnam Kristo adom so frɛɛ ho he ho na hoodane ho ho akɔfa nea hodwene sɛ ɔyɛ asɛmpa foforɔ,


Afei mfie mmeɛnsa akyi he, mekɔɔ Yerusalem sɛ meekɔsra Kefa na metenaa ne nkyɛne dadu nnanum;


ɔnam anidasoɔ a bɛahyehyɛ ama ho soro he nti. Saa anidasoɔ yi ne hoate ho asɛm dada, nɔkwasɛm a ɔyɛ asɛmpa


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite