Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 1:8 - Apam Foforɔ

8 Nso sɛ yɛ mpo anaa abɔfoɔ bi firi soro bɛka asɛmpa bi a ɔne nea yɛka kyerɛɛ ho he bɔ abira a, mmusuo nka oniyaa!

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 1:8
23 Referans Kwoze  

Sɛnea yɛadi kane aka he, saa ne meeka no bio sɛ, sɛ bi bɛka asɛm bi a ɔne nea hogyeeɛ he bɔ abira a, onii he nnue!


Sɛ bi mpɛ Awurade Yesu asɛm a, onnue! Yɛ Awurade bra!


Nka mepɛ sɛ bɛde me ankasa yɛ abusudeɛ na beyi me firi Kristo mu, me mane mufoɔ a bɛyɛ me honam fam abusuafoɔ nti.


Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;


Bɛwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no ma a ontumi nkwati bɔne. Bɛdaadaa nnipa a bɛyɛ mmerɛ kɔ bɔne mu. Bɛwɔ akoma a anibereɛ ahyɛ no ma. Bɛyɛ nnomee mma.


Bɛkɔɔ sɔfo panyini ne mpanyimfoɔ he hɔ kɔkaa sɛ, “Yɛaka ntam dendenndene sɛ, sɛ yenkuu Paulo a, yɛmfa aduane nka yɛ ano.


Nipa a ɔde mpaepaemu ba a woakasa akyerɛ no baako ne ne mprenu so, na wantie he, wo ne no nya twaka biaa,


Kristo bɛyɛɛ abusudeɛ maa yɛ, na ɔnam saa so gyee yɛ firii mmara nnomee he ase, efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Bɛadome biaa a ɔsɛne dua so”,


Nti mepɛ sɛ hote aseɛ sɛ biaa a ɔnam Nyankopɔn honhom mu kasa he nka sɛ, “Yesu yɛ abusudeɛ,” na biaa ntumi nka sɛ “Yesu yɛ Awurade” gye sɛ ɔnam Honhom Kronkron so.


Na ɔhyɛɛ aseɛ domeeɛ, na ɔkaa ntam sɛ, “Mennim beema a hooka n’asɛm yi.”


Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”


Anuanom, mehyɛ ho nkurane sɛ, honhwɛ ho ho yie bɛ a bɛde mpaepaemu ne sintiduatoɔ, de ko tia nkyerɛkyerɛ a hoasua he; hontwe ho ho mfiri bɛ ho,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite