Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 1:24 - Apam Foforɔ

24 Na me nti bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam.

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 1:24
13 Referans Kwoze  

Bɛtee yei he, bɛgye toom. Na beyii Nyankopɔn ayɛ sɛ, “Hedeɛ Nyankopɔn ama amanamane mufoɔ nso anya adwensakra a ɔkɔ nkwa mu.”


nso ɔsɛ sɛ yɛma yɛ ani gye na yedi ahurusie, efiri sɛ wo nua yi wuiɛ na waaba nkwa mu bio, ɔyeraeɛ na yɛahu no.’ ”


Nti, meeka akyerɛ ho sɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ anigye debɔneyɛni baako a wasakra ho.”


“Animuonyam nka Nyankopɔn sorosoro, na asomdwie nka nnipa a bɛsɔ n’ani asaase so.”


Berɛ a nnipadɔm he huu yei he, bɛ ho dwirii bɛ, na bɛhyɛɛ Nyankopɔn a ɔde tumi a ɔte sei ama nnipa he animuonyam.


na bɛahyɛ yɛ Awurade Yesu dini animuonyam ho mu, na bɛahyɛ ho nso animuonyam ne mu, sɛnea yɛ Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom he teɛ.


berɛ a ɔbɛba ama bɛahyɛ no animuonyam n’ahoteefoɔ mu, na bɛahwɛ n’anwanwadeɛ a ada adi bɛ a bɛagye adi nyinaa mu, efiri sɛ bɛagye yɛ adanseɛ a yedii no ho ho he adi, da heaa mu.


Esiane som yi ho adanseɛ nti, bɛhyɛ Nyankopɔn animuonyam ho setie a hode ka Kristo asɛmpa he nti, na afei ho yi ho yam yi ntoboa de kɔma bɛ ne nnipa nyinaa,


Afei hu kaa bɛ nyinaa, na befirii aseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam sɛ, “Bɛama diyifoɔ kɛseɛ bi so ya yɛ mu,” na “Nyankopɔn ama n’ani aba ne nkurofoɔ so!”


Na ɔsɔreeɛ, na ɔfaa ne kɛtɛ ntɛm pa so, na ofirii bɛ nyinaa bɛ anim hɔ kɔeɛ ma bɛ nyinaa bɛ ho dwirii bɛ na bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam kaa sɛ, “Yenhuu bibiaa sei da.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite