Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 1:21 - Apam Foforɔ

21 Na afei mekɔɔ Siria ne Kilikia mpɔtamu.

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 1:21
12 Referans Kwoze  

Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyehyɛɛ asafo ahodoɔ he dene.


Berɛ a agyidifoɔ he huu yei he, bɛde no baa Kaesarea; na bɛmaa no kɔɔ Tarso.


Nso nnipa bi a befiri nea bɛfrɛɛ no Ahofadiefoɔ Hyiadane he mu ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne bɛ a befiri Kilikia ne Asia, sɔree sɛ bɛne Stefano oobedi anobaabaeɛ.


Na bɛde krataa maa bɛ a na mu nsɛm ne sɛ, “Anuanom, asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he twerɛ krataa yi de kɔma agyidifoɔ a befiri amanamane a ɔya Antiokia ne Siria ne Kilikia. Yɛkyea ho.


Antiokia asafo he mu he, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ya mu, Barnaba ne Simeon a bɛfrɛ no Niger he, ne Lukio a ofiri Kirene, ne Manaen a bɛtetee ɔne Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he, ne Saulo.


Na amrado he kenkane nwoma he wieeɛ he, obisaa mane korɔ a ofiri mu; na ɔtee sɛ ofiri Kilikia he,


“Meyɛ Yudani a bɛwoo me Tarso a ɔya Kilikia, nso bɛtetee me kuro yi mu, na metenaa Gamaliel nane ase suaa adeɛ. Na ɔkyerɛkyerɛɛ me nananom Mmara he pɛpɛɛpɛ, na mebɔɔ Nyamesom ho mmɔdene sɛnea ho nyinaa yɔ nnɛ yi.


Paulo buaa sɛ, “Meyɛ Yudani a mefri Tarso a ɔya Kilikia, kuro a odi mu he mu. Nti mesrɛ wo ma me kwane na me ne me manfoɔ he nkasa.”


Afei yeduruu baabi a na yɛ ani tua Kipro he, yetwaam kɔɔ Siria berɛ a na yɛagya kuro he yɛ benkum so, na yekogyinaa Tiro, efiri sɛ hɔ ne na bebeyi kodoɔ he mu nnoɔma.


Nso berɛ a Paulo dii nna kakra kaa ho hɔ he, ɔne agyidifoɔ he dii nkra na ɔde po so hyɛne firii hɔ kɔɔ Siria a na Priskila ne Akwila ka ne ho, na ɔbɔɔ ti kwa ya Kenkrea, efiri sɛ, na berɛ a ɔde asi hɔ sɛ ootua ne ho nnoɔma bi he aba awieeɛ.


Nti ne ho asɛm trɛɛ Siria nyinaa, na bɛde ayarefoɔ, bɛ a bɛyare yadeɛ ahodoɔ ne bɛ a bɛ honam tutu bɛ, ne bɛ a honhom fi ne twerɛ ya bɛ so, ɔne mmubuafoɔ nyinaa, baa ne nkyɛne. Na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite