13 Menim paa sɛ hoate abrabɔ a medii kane bɔɔ sɛ Yudani he ho asɛm. Metaa Nyankopɔn asafo he maa no traa so, na mebɔɔ mmɔdene sɛ mɛsɛe no koraa.
Nso Saulo firii aseɛ tuu n’ani sii asafo he so. Owurawuraa afie mu kɔtwee mmaa ne mmeema de bɛ koguu afiase.
Na me ne asomafoɔ he mu kaakyire, na mensɛ sɛ bɛfrɛ me somafoɔ mpo, efiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo.
Oduruu Yerusalem he, ɔbɔɔ mmɔdene sɛ ɔde ne ho bɛbɔ asuafoɔ he; nso na bɛ nyinaa besuro no, efiri sɛ na bɛnnye nni sɛ ɔyɛ suani nɔkorem.
Nso ɔyɛɛ bɛ a beetie no he nyinaa nwanwa, na bɛkaa sɛ, “Ɔnyɛ yei na ɔsɛe bɛ a bɛbɔ dini yi Yerusalem he? Ɔnyɛ ɔno ne ɔde botaeɛ koro heaa baa ha sɛ ɔɔbɛkye bɛ de bɛ akɔma asɔfo mpanyimfoɔ he?”
ɔyam sɛ akane he, na meyɛ abususɛnkafoɔ, taafoɔ ne bi a ommu hwee, nso menyaa adom, efiri sɛ, na mennim deɛ meeyɔ, ɔnam gyidie a na menni nti.
mmɔdenmmɔ fam he, metaa asafo he; mmara he mu tenenee fam he, me ho nni asɛm biaa.
Saulo nso penee kuu a na beeku Stefano he so. Saa da he taa kɛseɛ bi baa asafo a ɔya Yerusalem he so; na bɛ nyinaa bɔ hwetee Yudea ne Samaria nyinaa.
Honnyɔ deɛ ɔbɛto Yudafoɔ anaa Helafoɔ anaa Nyankopɔn asafo he sintidua,
Na yɛ Awurade adom boroo so maa me gyidie ne dɔ Kristo Yesu mu.