Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Galatifoɔ 1:12 - Apam Foforɔ

12 efiri sɛ, mannya no nnipa nkyɛne, saa ara nso ne ɔnyɛ nea nipa bi ne kyerɛkyerɛɛ me, na mmom ɔnam Yesu Kristo adiyie mu ne me nsa kaeɛ.

Gade chapit la Kopi




Galatifoɔ 1:12
9 Referans Kwoze  

sɛ obeyi ne Ba he adi akyerɛ me, sɛnea ɔbɛyɛ a mɛpae mu aka ne ho asɛm Amanamane mufoɔ mu he, me ne nipa biaa antu ho agyina.


Me Paulo a meyɛ somafoɔ a ɔnyɛ nipa ne yii me, na afei nso bɛamfa amfa nipa bi so ne yii me, na mmom Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he ne yii me,


Ɔsɛ sɛ mehoahoa me ho, nso mfasoɔ biaa nni so, nti mɛka Awurade anisoadehunu ne adiyie ho asɛm.


nnoɔma yei ne Nyankopɔn nam Honhom he so ada no adi; efiri sɛ Honhom he hwehwɛ nnoɔma nyinaa mu, mpo Nyankopɔn nnoɔma a mu dɔ nso mu.


Na me deɛ, nea menya firii Awurade hɔ heaa ne mede maa ho, sɛ Awurade Yesu anadwo a beyii no maeɛ he ɔfaa paanoo,


Honhwɛ deɛ ɔda hɔ pefee. Sɛ bi wɔ gyidie sɛ ɔyɛ Kristo deɛ a, ɔnkae sɛ, sɛdeɛ ɔyɛ Kristo deɛ he, saa ara ne yɛ nso yɛyɛ ne deɛ.


Ɔnam adiyie bi so nti ne mekɔeɛ. Na mede asɛmpa a meka no Amanamane mufoɔ mu he too bɛ anim (mmom ɔyɛ mpanyimfoɔ a bɛagye bɛ atom he ne me ne bɛ yɔɔ kokoam nhyiamu), sɛnea ɔbɛyɛ a mirika a meetu, anaa nea metuiɛ he, ɔnyɛ kwa.


ɔne sɛnea ɔnam adiyie so yii ahintasɛm adi kyerɛɛ me, sɛnea m’adi kane atwerɛ no nsɛm tiaa bi mu he;


Na yei deɛ, yɛnam Awurade asɛm mu ne yɛka kyerɛ ho sɛ, yɛ a yɛte ase na yɛbɛtena ase akosi Awurade ba mu he nsane bɛ a bɛadeda he ho,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite