10 Na afei, nnipa ne mepɛ sɛ bɛgye me tom anaa Nyankopɔn? Anaa mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani? Sɛ meda so hwehwɛ sɛ mɛsɔ nnipa ani a, hedeɛ, na menyɛ Kristo akoa.
na sɛdeɛ Nyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa he hyɛ yɛ nsa he, saa ara nso ne yɛkasa, ɔnyɛ sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom Nyankopɔn a ɔsɔ yɛ akoma hwɛ he ani.
Nti bɛsomaa bɛ asuafoɔ ne Herodefoɔ kɔɔ ne nkyɛne, kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ nɔkwafoɔ, wonam nɔkorɛ so kyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane, na wonsuro nipa biaa, saa nso ne wonhwɛ nnipa anim.
Nkoa, honyɔ setie mma ho asaase so wuranom adeɛ nyinaa mu, ɔnyɛ anisoɔ som mu sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom akoma pa mu a ɔkyerɛ sɛ hosuro Awurade.
na mmom, sɛ bi yɛ Yudani mapa a, ɔyɛ no ne mu, na twetiatwa ankasa yɛ akoma mu asɛm; ɔyɛ honhom mu adeɛ, na mmom ɔnyɛ honam mu adeɛ. Nea ɔyɛ Yudani mapa he, n’ayeyie firi Nyankopɔn hɔ, na mmom ommfiri nnipa hɔ.
Afei nso Herode ani beree Tirofoɔ ne Sidonfoɔ so. Nti bɛyɛɛ anokorɔ baa ne nkyɛne, na berɛ a bɛmaa Blasto a ɔhwɛ hene daberɛ so tee bɛ aseɛ he, befirii aseɛ srɛɛ hwehwɛɛ asomdwie, efiri sɛ na hene he asaase so na mane he nya bɛ aduane.