20 Oo me nua, ampa, ma menya mfasoɔ mfiri wo hɔ Awurade mu! Ma m’akoma ntɔ me yam Kristo mu.
Bibiaa nyɛ me anigye nkyɛne sɛ mɛte sɛ me mma he nam nɔkorem.
Nɔkwasɛm di, me nua, ɔnam wo dɔ so ama manya anigye ne awerɛkyekyerɛ, efiri sɛ, woama ahoteefoɔ he, bɛ akoma atɔ bɛ yam.
Meesoma no ama no asane aba wo nkyɛne bio, ɔyɛ nipa a ɔda m’akoma so paa.
Sɛ bi yɛ defoɔ na ohu sɛ ne nua hia bibi, na wanhu ne mmɔbɔ a, ɔbɛyɛ dɛ na watumi aka sɛ ɔdɔ Nyankopɔn n’akoma mu?
Homfa buo ne ahobrɛaseɛ ma ho mpayimfoɔ, efiri sɛ bɛwɛne ho kra sɛ bɛ a bebu ho akonta. Homma bɛmfa anigye nyɔ na ɔnyɛ ahomeguo so, sɛ bɛde ahomeguo a, ɔnyɛ mfasoɔ biaa mma ho.
Saa nti, me nuanom a medɔ ho na m’ani agyina ho, m’anigyeɛ ne m’abotire, honnyina pintinn Awurade mu saa, m’adɔfoɔ.
Na Nyankopɔn yɛ me danseni sɛ mede Kristo Yesu dɔ kae ho nyinaa.
Yei mu ne yenya awerɛkyekyerɛ. Na yɛ awerɛkyekyerɛ he maa yɛ ani gye boroo so, ɔnam Tito anigyeɛ he nti, efiri sɛ ho nyinaa homaa n’akoma tɔɔ ne yam.
Na sɛ mema hofa yeyaa mu a, hwane bio ne bɛma m’ani agye ka nea mehyɛɛ no yeyaa he?
Na bɛmaa me honhom ne ho honhom ho dwodwoo bɛ. Nti honnye saa nnipa he ntom.