sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ.
Nso ho a hoya Tiatira a honni saa nkyerɛkyerɛ bɔne he akyi he, na honnsua nea afoforɔ frɛ no Satan asumansɛm he deɛ, meeka makyerɛ ho sɛ, memmfa adesoa biaa nto ho so.
Nsɔhwɛ biaa nni hɔ a ato ho a bi ntoo nipa bi da. Na Nyankopɔn yɛ nɔkwafoɔ; na ɔmma bɛnsɔ ho nhwɛ ntra deɛ hobetumi, na mmom ho sɔhwɛ berɛ mu he obebie kwane ama ho, ama hoatumi agyina.
Bɛtoo tweaseɛ kɛseɛ he tweneeɛ. Ɔno ne wɔ dadaa he a bɛfrɛ no Bronsam ne Satan he, ɔno ne daadaa wiase nyinaa he. Na bɛtoo no twenee asaase so a na n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho.
Bɛkyee aboa he ne ne diyifoɔ torɔfoɔ a ɔyɔɔ anwanwadeɛ n’anim he de no too afiase. Saa anwanwadeɛ he so ne ɔnam daadaa bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ agyinaeɛ ne bɛ a bɛsom aboa he honyini he. Bɛtoo aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he anikann guu gya tadeɛ a sɔfe ɔɔdɛre mu he mu.