Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Efesofoɔ 6:10 - Apam Foforɔ

10 Ne korakora ne sɛ, honyɛ dene Awurade ne n’ahoɔdene tumi mu.

Gade chapit la Kopi




Efesofoɔ 6:10
30 Referans Kwoze  

Metumi fa tebea biaa mu, deɛ ɔhyɛ me dene he nti.


Honwɛne, honyina pintinn ho gyidie mu, honya akokoɔduro, honyɛ dene.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.


Na ahoɔdene a ofiri n’animuonyam tumi nyinaa mu mma honyɛ dene, na ama hoanya boasetɔ ne abodwokyɛre nnoɔma nyinaa mu, ya anigyeɛ mu,


ne ne tumi a mu nni hwehwɛbea ma yɛ a yɛgyedi, sɛnea ne tumi a ɔsõ a ɔyɔ adwuma he teɛ.


Mebɔ mpaeɛ sɛ, sɛnea n’ahonya animuonyam teɛ sɛ ɔbɛma ho mu nipadua a ahinta he ase atim tumi a ɔnam ne Honhom so he mu,


Nso Awurade gyinaa m’akyi na ɔmaa me ahoɔdene, de kaa asɛmpa he nyinaa sɛ ɔbɛyɛ a amanamane mufoɔ nyinaa bɛte. Nti oyii me firii gyata anum.


Afei wo, me ba, ɔnam adom a bɛde adom wo Yesu Kristo mu nti, yɛ nam.


Adɔfonom, deɛ otwa toɔ koraa ne sɛ, deɛ ɔyɛ nɔkorɛ, deɛ anidie ya mu, deɛ ɔtene, deɛ ho te, deɛ ɔsɔ ani, deɛ ɔwɔ dini pa, sɛ bra pa bi ya hɔ a, sɛ bibi fata ayeyie a, honnwene yeinom ho.


Afei, nea otwa toɔ, me nuanom, makra ho. Honyɛ pɛ, honkyekyere ho ho ho ho werɛ, honnya adwene korɔ, hontena asomdwie mu, na dɔ ne asomdwie Nyankopɔn bedi ho akyi.


N’awieeɛ ne sɛ, ho nyinaa hontena ase asomdwie mu. Honnya tema mma ho ho ho ho. Honnodɔ ho ho ho ho, na honyɛ ahummɔborɔ, na hommrɛ ho ho ase.


Afei deɛ otwa toɔ, me nuanom, honni ahurusie Awurade mu. Ɔnha me sɛ mɛtwerɛ asɛnkorɔ heaa abrɛ ho, sɛ me yɔ saa a, ɔyɛ ahobanbɔ me ho mmom.


Sɛ bi ɔɔka asɛm a ɔnka Nyankopɔn asɛm. Biaa a ɔsom he, mfa ahoɔdene a Nyankopɔn de ma no he nsom sɛnea bibiaa mu, bɛbɛfa Yesu Kristo so ahyɛ Nyankopɔn a animuonyam ne tumi wɔ no daadaa he animuonyam. Amen!


Agyanom, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, honim nea ɔte ase firi mfitiaseɛ he. Mmabunu, meetwerɛ abrɛ ho, efiri sɛ, howɔ nwentaasoɔ. Nyankopɔn asɛm he te ho mu na hoadi bɔnefoɔ he so nkunim.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite