Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Efesofoɔ 5:25 - Apam Foforɔ

25 Kununom, honnɔ ho yerɛnom, sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo he na ɔde ne ho too hɔ maa asafo he,

Gade chapit la Kopi




Efesofoɔ 5:25
21 Referans Kwoze  

Saa ne ho, kununom nso, ɔsɛ sɛ hodwene ho yerɛnom ho ya ho asetena mu. Homfa anidie mma bɛ, na honhu sɛ bɛyɛ mmerɛ kyɛne ho, na afei nso honhu sɛ bɛne ho yɛ adedifoɔ, na bibi ansi ho mpaebɔ kwane.


Kununom, honnɔ ho yerɛnom, na honteetee bɛ.


Saa kwane he soaa ne ɔsɛ sɛ kununom dɔ bɛ yerɛnom sɛ bɛaa bɛ ho. Beema a ɔdɔ ne yerɛ he dɔ ne ho.


Nti ho mu biaa nnɔ ne yerɛ sɛ ɔno ankasa ne ho, na yerɛ nya buo kɛseɛ ma ne kunu.


na hontena dɔ mu, sɛnea Kristo dɔɔ yɛ na ɔde ne ho maeɛ sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a oohwam ma Nyankopɔn, ɔnam yɛ nti.


Yesu Kristo a yɛ bɔne nti ɔde ne ho maeɛ sɛ ɔbɛgye yɛ afiri wiase yi bɔne mu, sɛnea Nyankopɔn a ɔyɛ yɛ Agya pɛ he teɛ,


ne Yesu Kristo a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ ne wusɔreɛ mu dikanfoɔ ne asaase so ahene sodifoɔ he nkyɛne nka ho. Ɔno a ɔdɔ yɛ, na ɔnam ne mogyaa he so agye yɛ afiri yɛ bɔne mu he


na ɔnyɛ me ne mete ase bio, na mmom ɔyɛ Kristo ne te me mu, nɔkwasɛm ne sɛ m’ase a mete no honam mu seesei yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho maa me he mu gyidie mu.


Bɛtoo nnwom foforɔ bi sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma he, na wote nsɔano he ano, efiri sɛ, bekuu wo, na bɛde wo mogyaa atɔ nnipa afiri abusua, kasa, mane ne nkurofoɔ ahodoɔ mu ama Nyankopɔn.


sɛdeɛ Nipa Ba he nso amma sɛ bɛnsom no na mmom ɔbɛsomeɛ na ɔde ne nkwa ayɛ agyedeɛ ama nipa bebree he.”


Honhwɛ ho ho so yie, na honhwɛ nnipa a Honhom Kronkron he de ho ayɛ bɛ so nhwɛsofoɔ he, na honhwɛ Nyankopɔn asafo a ɔde ɔnoaa ne Ba mogyaa atɔ he so.


Mene paanoo a nkwa yam a mesiane firi soro baeɛ he, sɛ bi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa he ne me honam.”


a ɔde ne ho yɛɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa; bedii yei ho adanseɛ berɛ pa mu.


Sɛnea asafo he brɛ ne ho ase hyɛ Kristo ase he, saa nso ne ɔsɛ sɛ yerɛnom yɔ, adeɛ nyinaa mu, ma bɛ kununom.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite