Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Efesofoɔ 5:21 - Apam Foforɔ

21 Hommrɛbrɛ ho ho ase mma ho ho, ɔnam anidie a howɔ ma Kristo nti.

Gade chapit la Kopi




Efesofoɔ 5:21
20 Referans Kwoze  

Honnnyɔ bibiaa pɛsɛmenkomenya ne animuonyamhunupɛ mu, na mmom homfiri ahobrɛaseɛ mu mmu afoforɔ te sɛ bɛkyɛne ho.


Sɛnea asafo he brɛ ne ho ase hyɛ Kristo ase he, saa nso ne ɔsɛ sɛ yerɛnom yɔ, adeɛ nyinaa mu, ma bɛ kununom.


Ayerenom, hommerɛ ho ho ase mma ho kununom sɛnea hoyɔ ma Awurade.


Saa ne ɔsɛ sɛ mmabunu, hobrɛ ho ho ase ma mpanyimfoɔ. Ho nyinaa mfa ahobrɛaseɛ nkatanim mmɔ ho asene na honsom ho ho ho ho efiri sɛ, “Nyankopɔn si ahantanfoɔ kwane na ɔdom ahobrɛaseɛfoɔ.”


Homfa buo ne ahobrɛaseɛ ma ho mpayimfoɔ, efiri sɛ bɛwɛne ho kra sɛ bɛ a bebu ho akonta. Homma bɛmfa anigye nyɔ na ɔnyɛ ahomeguo so, sɛ bɛde ahomeguo a, ɔnyɛ mfasoɔ biaa mma ho.


Homfa anidie mma nnipa nyinaa. Honnɔ anuanom agyidifoɔ. Honsuro Nyankopɔn, na homfa anidie mma hempɔno.


Ɔsɛ sɛ, otumi hwɛ ɔnoaa ne fie so yie, ma ne mma hyɛ n’ase na bɛbrɛ bɛ ho ase akwane nyinaa so,


Na adehyedie mu ne bɛafrɛ ho aba, me nuanom; homma ahofadie he nyɛ akwannya mma honnyɔ bɔne, na mmom ho mfa dɔ so nyɛ nkoa ma ho ho,


Mmaa mfa kommyɛ nsua adeɛ ahobrɛaseɛ mu.


Metu ho fo sɛ hommrɛ ho ho ase mma nnipa a bɛte saa ne biaa a ɔde ne ho hyɛ som adwuma he mu, na ɔne bɛ brɛ bom.


Hommrɛ ho ho ase Awurade dini mu mma nnipa nhyehyɛeɛ nyinaa, sɛ ɔyɛ hempɔno


Ɔnam sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, homma yɛnhohoro yɛ ho mfiri honam ne honhom fi nyinaa ho, na yɛ kronkronyɛ awie mu die Nyankopɔn suro mu.


Saa nti, yɛbɔ mmɔdene sɛ yebetu afoforɔ fo osiane sɛ yenim Awurade suro nti; na yɛ deɛ Nyankopɔn nim yɛ, na mewɔ anidasoɔ sɛ honim yɛ yie ho ahonim mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite