Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Efesofoɔ 5:15 - Apam Foforɔ

15 Honhwɛ sɛnea hobɛbɔ ho bra, honnnyɔ sɛ bɛ a bennim nyansa, na mmom honnyɔ sɛ anyansafoɔ,

Gade chapit la Kopi




Efesofoɔ 5:15
26 Referans Kwoze  

Na akwannya biaa hobenya he hommɔ ho bra nyansa mu mma wiasefoɔ nhu.


Ho mu hwane ne yɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa n’abrabɔ pa nkyerɛ sɛ ɔdwo, na ofiri nyansa mu ne yɔ ne nnwuma.


Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,


Anuanom, honnyɛ asɛm he nteaseɛ mu mmɔfra; na mmom, honyɛ bɔne mu nkokoa; ne nyinaa mu he, honyɛ nnipa a bɛanyini nsɛm ho nteaseɛ mu.


Na bɛ a bɛɛpɛ bɛ ho anya he hwe sɔhwɛ, fidie ne nkwasea akɔnnɔ mu a ɔde yawdie ba, a ɔnyɛ mma nnipa na ɔtwe bɛ kɔ sɛeɛ ne yera mu.


Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho.


“Hwɛ, meesoma ho sɛ nnwane akɔ mpataku mfimfini; nti honya nyansa sɛ wɔ, na honyɛ nnipa a ho ho nni asɛm te sɛ mmuburo.


Honhwɛ sɛ ho mu biaa ɔmfa bɔne ntua bɔne ka, na honhwɛ sɛ hobɛhwɛ afoforɔ yiedie berɛ biaa.


Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “O adwenharefoɔ a hoyɛ nyaa ho akoma mu sɛ hobɛgye deɛ adiyifoɔ he aka nyinaa adi!


Nti honnwene koraa saa? Hode Honhom hyɛɛ aseɛ, afei deɛ hode honam ne oowie?


Honhwɛ yie na hoampo deɛ ɔɔkasa he; na sɛ bɛ a bɛpoo kɔkɔbɔ a bɛte firii asaase yi so he antumi annwane a, ɔbɛyɛ dɛ ne yɛ a yɛate kɔkɔbɔ a ofiri soro he betumi adwane?


Nti Pilato huu sɛ ontumi nyɔ bibiaa bio, na afei basabasa bi ɔɔhyɛ aseɛ he, ɔfaa nsuo bi hohoro ne nsa nipakuo he anim, kaa sɛ, “Menni beema yi mogyaa ho fɔ; honyɔ deɛ hopɛ.”


Afei mebutuu ne nane ase sɔree no. Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɔ saa, efiri sɛ, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom a bedi Yesu ho adanseɛ heaa, Nyankopɔn mmom ne koto sɔre no! Na Yesu adanseɛ ne yɛ adiyie honhom he.”


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka ankyerɛ nipa biaa; afei kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adansedie mma bɛ.”


Nti ho mu biaa nnɔ ne yerɛ sɛ ɔno ankasa ne ho, na yerɛ nya buo kɛseɛ ma ne kunu.


Saa nti, ofiri da a yɛteeɛ he, yennyaeɛ mpaebɔ ne nkotosrɛ sɛ Nyankopɔn pɛ ho nimdeɛ nhyɛ ho ma honhom mu nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,


O, Galatifoɔ a hoyɛ adwenharefoɔ! Hwane ne adaadaa ho saa. Ho ampa ara a bɛde Yesu Kristo a bɛbɔɔ no asennuam agyina ho anim akyerɛ pefee paa di!


Ɔkaa sɛ, “Maayɔ bɔne sɛ maayi nipa a onni fɔ ama.” Nso bɛkaa sɛ, “Ɔfa yɛ ho bɛ? Ɔyɛ woaa w’asɛm.”


Na bɛ mu nnum yɛ mmadwemma, na nnum nso nyɛ mmadwemma.


na hontena dɔ mu, sɛnea Kristo dɔɔ yɛ na ɔde ne ho maeɛ sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a oohwam ma Nyankopɔn, ɔnam yɛ nti.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite