Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Efesofoɔ 4:9 - Apam Foforɔ

9 (Sɛ ɔka sɛ, “Ɔforo kɔɔ soro” a, na ɔkyerɛ sɛ odii kane siane kɔɔ asaase ase ansa.

Gade chapit la Kopi




Efesofoɔ 4:9
22 Referans Kwoze  

Nipa biaa mforo nkɔɔ soro gye sɛ nea wasiane afiri soro, Nipa Ba he.


Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa, awia ne anadwo he, saa ara ne Nipa Ba he bedi nnansa asaase bunu mu.


Na Nyankopɔn paanoo ne nea osiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa he.”


na mmom, yehu Yesu a, ne tebea baa fam kakra sene abɔfoɔ berɛ tiaa bi mu, na seesei deɛ bɛde animuonyam ne anidie abɔ no abotire he, efiri sɛ ohuu wuo mu amane, na ɔnam Nyankopɔn adom so awu ama nnipa nyinaa.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mfa wo nsa nka me, efiri sɛ menya nkɔɔ soro, m’Agya nkyɛne. Na kɔ me nuanom nkyɛne kɔka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Meekɔ soro, m’Agya ne ho Agya ne me Nyankopɔn ne ho Nyankopɔn nkyɛne.’ ”


Woyɔɔ no sɛ bi a aka kakra bi na ɔne abɔfoɔ ayɛ pɛ; wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire,


Yesu buaa sɛ, “Mpo sɛ medi meaa me ho adanseɛ a, m’adanseɛ he yɛ nɔkorɛ, efiri sɛ, menim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a meekɔ. Na ho deɛ honnim baabi a mefiri ne baabi a meekɔ.


Na afei, sɛ hohu Nipa Ba he sɛ ɔɔkɔ soro, baabi a na ɔya kane he nso ɛ?


Yei ne paanoo a osiane firii soro baeɛ a ɔnte sɛ nea ho nananom diiɛ na bewuiɛ he; nea odi paanoo yi bɛtena ase daa.”


Mene paanoo a nkwa yam a mesiane firi soro baeɛ he, sɛ bi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa he ne me honam.”


Afei Yudafoɔ he firi aseɛ nwiinwii sɛ waka sɛ, “Mene paanoo a osiane firii soro he.”


efiri sɛ mefiri soro ne aba sɛ hobɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na ɔnyɛ m’ankasa me deɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite