Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Efesofoɔ 4:25 - Apam Foforɔ

25 Ne saa nti, honnyi atorɔ mfiri ho akwane mu, homma yɛ nyinaa ni nɔkorɛ mma yɛ yɔnkonom, efiri sɛ yɛyɛ yɛ ho yɛ ho akwaa.

Gade chapit la Kopi




Efesofoɔ 4:25
42 Referans Kwoze  

Honntwa atorɔ nkyerɛ ho ho, berɛ a hoayi kane nipadua he ɔne ne nneyɔeɛ agu


saa nso ne yɛ a yɛdɔɔso yi, yɛyɛ nipadua baako Kristo mu, na yɛyeyɛ yɛ ho akwaa mmaako mmaako.


Na mmom, homma yenni nɔkorɛ, dɔ mu, na yɛnyini akwane nyinaa mu, Kristo a ɔno ne asafo he ti he mu,


Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”


daa nkwa ho anidasoɔ a Nyankopɔn a onni torɔ, hyɛɛ ho bɔ too hɔ ansa na adebɔ ɔɔbɛhyɛ aseɛ—


ɔnam nyaatwom a ofiri atorɔfoɔ nkontompo nti. Yeinom yɛ nnipa a bɛ ahonim awu;


Na kuro he akyi ne nkramane ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne bɛ a bɛpɛ torɔ na bedi he nyinaa ya.


nnwamamfoɔ, mmeema a bɛ ne mmeema da, nnipatɔnfoɔ, atorɔfoɔ, ntantofoɔ ɔne bibiaa a ɔne nkyerɛkyerɛ pa bɔ abira biaa.


Na sɛ mede ho hoahoa me ho kyerɛ no a, m’ani nwu, na mmom sɛnea yɛkaa ho nsɛm nyinaa nɔkorem he, saa ara nso ne yɛ ahohoa a yɛhoahoa yɛ ho Tito anim he nso ada adi sɛ ɔyɛ nɔkorɛ.


Ɔyɛ bɛaa bɛ nipa baako a ofiri bɛ mu, bɛ ankasa bɛ diyifoɔ, ne kaa sɛ, “Kretafoɔ yɛ atorɔfoɔ daa, nkekaboa bɔne, akwadwofoɔ adidifoɔ.”


Esiane sɛ paanoo he yɛ baako nti, yɛ a yɛyɛ dodoɔ he nso yɛyɛ nipadua baako, efiri sɛ yɛ nyinaa yedi paanoo korɔ he bi.


Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.


efiri sɛ yɛyɛ ne nipadua akwaa.


Ɔne sɛ, ho kane abrabɔ fam deɛ, honto nipa dada a ɔɔsɛe nnaadaa akɔnnɔ mu he ntwene,


Honto yeyaadie ne kokobɔne ne abufuo ne apereapereɛ ne nnaadaa, ɔne adebɔne biaa ngu,


Na seesei deɛ, honnyi saa nnoɔma yeinom: abufuo, kokobɔne, bɔnepɛ, nantitwitwa ne kasafi mfiri ho anum koraa.


Saa nti yɛ nso, esiane sɛ adansefoɔ bebree atwa yɛ ho ahyia yi, homma yɛnto adesoa ne bɔne biaa a ɔkyekyere yɛ na ɔtwe yɛ he ngu, na yɛmfa animia ntu akansie a ɔda yɛ anim he mu mmirika,


Nti honto fi ne bɔne nyinaa ngu, na homfa ahobrɛaseɛ nye Nyankopɔn asɛm a bɛadua ne ho mu a obetumi agye ho kra nkwa he.


Hontwe ho ho mfiri bɔne nyinaa, nnaadaa nyinaa, nyaatwom, anibereɛ ne sɛ hooka nsɛm de agu nnipa ho fi, ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite