Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Efesofoɔ 4:14 - Apam Foforɔ

14 sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ.

Gade chapit la Kopi




Efesofoɔ 4:14
44 Referans Kwoze  

Hommma nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ne nsɛm foforɔ mmfa ho nkyinkyini, na ɔyɛ sɛ bɛ de adom hyɛ akoma dene, na ɔnyɛ nnuane a bɛ a bediiɛ he nni ho mfasoɔ biaa.


Anuanom, honnyɛ asɛm he nteaseɛ mu mmɔfra; na mmom, honyɛ bɔne mu nkokoa; ne nyinaa mu he, honyɛ nnipa a bɛanyini nsɛm ho nteaseɛ mu.


Adɔfo, honnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom honsɔ ahonhom he nhwɛ sɛ befiri Nyankopɔn anaa; efiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree aba wiase.


Na yɛnte sɛ nnipa bebree a bɛnam ɔɔtɔno Nyankopɔn asɛm he, na mmom sɛ bɛ a beyi bɛ yam kasa, Nyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu ya Nyankopɔn anim.


Na mmom ɔsɛ sɛ obisa no gyidie mu, a n’adwene ɔnyɛ no ntanta, efiri sɛ nea n’adwene yɛ no ntanta he te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ no di akɔneaba.


Honhyɛ Nyankopɔn akodeɛ nyinaa, na ama hoatumi agyina Bronsam nnaadaa ano;


Na kristo-atorɔfoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bebree bɛba abɛyɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ, de adaadaa binom, sɛ ɔbɛyɛ yie a bɛ a bɛayi bɛ he mpo nka bɛbɛdadaa bɛ.


Na berɛ bi bɛba a nnipa ontie nkyerɛkyerɛ pa a ɔyɛ he, nso esiane sɛ bɛasom yɛ bɛ hene nti, bɛbɛboaboa akyerɛkyerɛfoɔ ano sɛnea bɛ a bɛ akɔnnɔ teɛ,


Yeinom yɛ ho dɔ adidie mu nkekaeɛ, bɛne ho bom oodidi, bɛmfɛre adeɛ, bɛyɛne bɛ ho; bɛte sɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, anaa nnua a so nhahane apere a onni aba, na awu mprenu a ne nhini atutu.


Bɛkyee aboa he ne ne diyifoɔ torɔfoɔ a ɔyɔɔ anwanwadeɛ n’anim he de no too afiase. Saa anwanwadeɛ he so ne ɔnam daadaa bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ agyinaeɛ ne bɛ a bɛsom aboa he honyini he. Bɛtoo aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he anikann guu gya tadeɛ a sɔfe ɔɔdɛre mu he mu.


O, Galatifoɔ a hoyɛ adwenharefoɔ! Hwane ne adaadaa ho saa. Ho ampa ara a bɛde Yesu Kristo a bɛbɔɔ no asennuam agyina ho anim akyerɛ pefee paa di!


Na atorɔ adiyifoɔ bebree bɛsɔre abɛdaadaa nnipa bebree.


Meetwerɛ ho afa bɛ a bɛpɛ sɛ bɛdaadaa ho he ho.


Na nnipa bɔne sisifoɔ deɛ bɛkɔ bɛ anim bɔne mu, bɛbɛdaadaa binom na binom adaadaa bɛ nso.


Yɛatwe yɛ ho afiri sum ase nnoɔma a ɔyɛ aniwuo he ho; yɛmma nnaadaa mma yɛ akwane mu; saa ara nso ne yɛmfra Nyankopɔn asɛm mu; na mmom yɛda nɔkorɛ he adi de di yɛ ho adanseɛ kyerɛ nnipa nyinaa ahonim ya Nyankopɔn anim.


Na bɛɛkɔ he, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm he sɛ: “Mmɛ ne hokɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Nnɛm a mframa ohim no anaa?


Honim sɛ kane he a na hoyɛ abosonsomfoɔ he, homa bɛdaadaa ho de ho kɔɔ abosom a bentumi nkasa hɔ.


Nso ntie bɛ! Na bɛ mu mmeema bɛboro aduannan ɔɔtɛ no, na bakeka bɛ ho ntam sɛ bennidi na bɛnnom gye sɛ bɛaku no ansa. Seesei bɛayɛ krado, na bɛɛtwɛne sɛ wobɛma bɛ hõ kwane.”


Nɔkwasɛm ne sɛ, befiri yɛ mu ne kɔeɛ deɛ, nso na benni yɛ afa, na sɛ bɛya yɛ afa a, nka bɛne yɛ tenaa hɔ. Nso begyaa yɛ hɔ sɛnea bebehu no pefee sɛ benni yɛ afa.


Na bɛkeka akokurokosɛm a mfasoɔ biaa nni so, na bɛnam honam akɔnnɔ ne ahohwie so to bɛ a afei ne bɛatete bɛ ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho he mmradɛ.


Hwɛ hyɛne nso, ɔnam ne kɛseɛ nti mframa a mu ɔdene ne tumi pia no, nso bɛde bibi ketewa bi ne ka no ma deɛ hyɛnkafoɔ he pɛ sɛ ɔkɔ biaa odi so.


Ɔnsɛ sɛ ɔyɛ bi a ɔsakraeɛ nkyɛreɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔmma ne ho so nhwe afobuo a bronsam ahwe mu he bi.


Wonim sɛ bɛ a bɛya Asia nyinaa adane afiri me nkyɛne, bɛ mu bi ne Figelo ne Hermogene.


efiri sɛ wiase yi mu nyansa yɛ nkwaseasɛm ma Nyankopɔn. Na bɛatwerɛ sɛ, “Ɔkye anyansafoɔ bɛ aniteɛ mu”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite