8 Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.
Bɛne Nyankopɔn ayi bɛ sɛ benhu sɛnea n’ahintasɛm yi animuonyam kɛseɛ he bɛda adi amanamane mufoɔ mu, ɔno ne Kristo a ɔya ho mu a ɔyɛ animuonyam anidasoɔ he.
Nti metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ a bɛabere ho gya mu, firi me nkyɛne sɛnea ɔbɛma woayɛ defoɔ. Afei tɔ ntaadeɛ fitaa hyɛ fa kata w’adagya a ama w’anim agu ase he so. Afei tɔ aniduro sra w’ani so sɛnea wobehu adeɛ.
Nyankopɔn yɛ ho nkwa a howɔ no Kristo Yesu mu he farebae. Na Yesu Kristo yi ne bɛyɛɛ nyansadeɛ a ofiri Nyankopɔn hɔ maa yɛ he, ɔno ne tenenee ne ahoteɛ ne gyeɛ,