Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Efesofoɔ 3:5 - Apam Foforɔ

5 Mmerɛ bi a atwa mu he woanyi saa ahintasɛm yi adi ankyerɛ nipa biaa, sɛnea nnɛ ɔnam Honhom he so abɛda no adi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron he:

Gade chapit la Kopi




Efesofoɔ 3:5
24 Referans Kwoze  

Adɔfonom, honkae nsɛm a tete he asomafoɔ he ka too hɔ faa Awurade Yesu Kristo ho,


na hoakae nsɛm a adiyifoɔ kronkron he kaeɛ mmerɛ bi a atwam he ne mmara a efiri Awurade ne Agyenkwa a bɛde faa ho asomafoɔ so maa ho he.


bɛde ho ato fapem a asomafoɔ ne adiyifoɔ he toeɛ he so a Kristo Yesu he ankasa ne tweasotiboɔ he.


Na afei nso, waama nnipa nyinaa ahu nhyehyɛeɛ a bɛahyehyɛ a ɔfa ahintasɛm a bɛde asie tete mmerɛ nyinaa Nyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa he mu;


na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ankasa honim pefee sɛ mmara mma kwane sɛ Yudani ne abusua foforɔ munii bɛbɔ anaa ɔbɛbɛne no, nso Nyankopɔn akyerɛ me sɛ ɔnsɛ sɛ mefrɛ nipa biaa sɛ ne ho agu fi anaa ne ho nte.


Na meeka akyerɛ ho sɛ, adiyifoɔ ne ahemfo bebree pɛɛ sɛ behu nnoɔma a hohu yi nso bɛanhu, bɛpɛɛ sɛ bɛte nsɛm a hote yi nso bɛante.”


Na Kyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me dini mu he, ɔno ne bɛkyerɛkyerɛ ho nnoɔma nyinaa na ɔbɛkae ho nea maka akyerɛ ho nyinaa.


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ bebree pɛɛ sɛ behu deɛ hoahu yi, nso bɛanhu, na bɛte deɛ hoate yi, nso bɛante.


Afei Nyankopɔn a otumi hyɛ ho dene sɛnea m’asɛmpa he teɛ ne Yesu Kristo ho asɛnka, sɛnea adiyie ahintasɛm a bɛde siee teteete


Na sɛ Nɔkorɛ Honhom he ba a, ɔbɛkyerɛ ho kwane akɔ nɔkorɛ he nyinaa mu, efiri sɛ omfiri ɔno ankasa ne mu ne bɛkasa, na mmom bibiaa ɔbɛte he ɔno ne ɔbɛka. Na ɔbɛkyerɛ ho nnoɔma a ɔɔba.


Nti meesoma adiyifoɔ, anyansafoɔ ne atwerɛfoɔ, na hobeku binom na hobɛtwa binom mmaa ho hyiadane mu na hoataa bɛ afiri kuro so akɔ kuro so,


Yei nti na Nyankopɔn nyansa nso kaa sɛ, ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ bɛ nkyɛne, na bebeku bɛ mu binom ataa binom.


nnoɔma yei ne Nyankopɔn nam Honhom he so ada no adi; efiri sɛ Honhom he hwehwɛ nnoɔma nyinaa mu, mpo Nyankopɔn nnoɔma a mu dɔ nso mu.


Bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Nipa biaa mmɔ yɛ paa nti a.’ Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Ho nso honkɔ bobe turo mu hɔ.’


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite