Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Efesofoɔ 2:17 - Apam Foforɔ

17 Nti ɔbaa sɛ ɔɔbɛka asomdwie ho asɛm akyerɛ ho a na hoya akyirikyiri ne ho a hobɛne Nyankopɔn;

Gade chapit la Kopi




Efesofoɔ 2:17
22 Referans Kwoze  

Ɔde asɛm he kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwie a ɔnam Yesu Kristo so ba he ho asɛm pa kyerɛɛ bɛ, yei ne nnipa nyinaa wura.


Na bɔhyɛ yi ya hɔ ma ho ne ho mma ne bɛ a bɛya akyirikyiri, a Awurade yɛ Nyankopɔn bɛfrɛ bɛ aba ne nkyɛne nyinaa.”


Afei ɔnam sɛ bɛabu yɛ bem gyidie mu nti, yɛnam yɛ Awurade Yesu Kristo so anya asomdwie Nyankopɔn mu,


Nti yɛyɛ Kristo anamusifoɔ, ɔne sɛ Nyankopɔn nam yɛ so ootu fo; nti yegyina Kristo anamu tu ho fo sɛ, homma bɛmpata ntwe ho mfam Nyankopɔn ho.


“Animuonyam nka Nyankopɔn sorosoro, na asomdwie nka nnipa a bɛsɔ n’ani asaase so.”


Sɛ fie hɔfoɔ gye ho a, homma ho asomdwie mmra bɛ so; na sɛ bɛannye ho a, homma ho asomdwie nsane mmra ho nkyɛne.


Nso ɔbɛyɛ dɛ na bi atumi abɔ nea ɔnnye no nni dini? Na ɔbɛyɛ dɛ na bi agye nea ɔntee ne ho asɛm adi? Na sɛ bi anka Awurade ho asɛm ankyerɛ bɛ a bɛbɛyɛdɛ ate?


Nɔkorem, hoate ne ho asɛm na bɛakyerɛkyerɛ ho ne mu, sɛnea Yesu mu nɔkorɛ teɛ he.


“Anaa baa hwane ne wɔ dwetɛbena du na sɛ dwetɛbena baako yera a, ɔnsɔ kanea mpra ne fie na ɔnhwehwɛ no yie nkosi sɛ obehu?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite