Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Kolosefoɔ nwoma 4:8 - Apam Foforɔ

8 Yei nti ne maasoma no ho nkyɛne na hoahu sɛdeɛ yɛ ho teɛ, na wahyɛ ho akoma dene;

Gade chapit la Kopi




Kolosefoɔ nwoma 4:8
16 Referans Kwoze  

Yeiaa nti ne meesoma no aba ho nkyɛne, na woama hoahu sɛnea yɛ ho teɛ, na woama ho akoma atɔ ho yam.


Mepɛ sɛ benya nkuranhyɛ bɛ akoma mu na bɛka bom dɔ mu, na bɛanya nteaseɛ pa nyinaa, na bɛanya Nyankopɔn ahintasɛm ho nimdeɛ a ɔne Kristo he ankasa.


ɔnkyekyere ho werɛ, na ɔnhyɛ ho dene asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.


Nti anuanom yɛhyɛ ho nkurane sɛ, honkasa nkyerɛ bɛ a bɛnante basabasa, honhyɛ bɛ a bɛ akoma abubu nkurane, ho mmoa bɛ a bɛayɛ mmerɛ, honya abotrɛ mma bɛ nyinaa.


Nti nkyekyere ho ho ho ho werɛ na honhyehyɛ ho ho ho ho dene, sɛnea hogu so ɔɔyɔ yi.


Saa nti, homfa nsɛm yi nkyekyere ho ho werɛ.


Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɔnsɔ bio he, mesomaeɛ, na mahu ho gyidie mu, na amma sɛ ebia sɔhwɛfoɔ he asɔ ho ahwɛ, ama yɛ mmɔdenmmɔ adwuma he ayɛ kwa.


na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛ nua ne Nyankopɔn mu somfo ya Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ ho dene, na ontu ho fo ho gyidie ho,


Afei nso honim, sɛnea yetuu ho nyinaa fo mmaako mmaako, sɛnea agya bi yɔ ne mma, na yɛhyɛɛ ho den, na yɛmaa ho asodie


Nti ne me ho pre me kɛse sɛ mɛsoma no ho nkyɛne, na sɛ hohu no bio a hoadi ahurusie, na m’adwendwene so ate.


Mesrɛɛ Tito, na memaa ɔne onua baako baa ho nkyɛne. Tito ba besisii ho anaa? Ɔnyɛ Honhom baako heaa mu ne yɛnanteeɛ? Ɔnyɛ anammɔno baako mu ne yetiaeɛ?


na afei deɛ, homfa nkyɛ no na honkyekyere ne werɛ na awerɛhoɔ ammene no.


a ɔkyekyere yɛ werɛ yɛ ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekyerɛ a Nyankopɔn de kyekyere yɛ werɛ he so akyekyere bɛ a bɛya ahohia biaa mu werɛ.


Yei nti ne mesomaa Timoteo maa no baa honkyɛne, ɔno ne yɛ me ba dɔfoɔ ne nɔkwafoɔ Awurade mu, sɛ ɔnkae ho m’akwane Kristo Yesu mu, sɛdeɛ mekyerɛkyerɛɛ hyiadane biaa mu ya baabiaa he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite