Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Kolosefoɔ nwoma 4:6 - Apam Foforɔ

6 Homma ho kasa ho mmara nyam daa a nkyene ya mu, na hoahu sɛdeɛ ɔsɛ sɛ hobua biaa.

Gade chapit la Kopi




Kolosefoɔ nwoma 4:6
33 Referans Kwoze  

Hommma nsɛmmɔne biaa mfiri ho anum mma, na mmom asɛm a ohia a obetumi ama bi anya nkɔsoɔ nkoaa ne honka, na ama bɛ a bɛte ho nsɛm he anya adom.


Na mmom homfa anidie mma Kristo sɛ Awurade na honsom no ho akoma. Honsiesie ho ho sɛ, berɛ biaa a bi bebisa gyidi a howɔ ya ho mu he ho asɛm he, hobɛkyerɛ no aseɛ


Nkyene yɛ; nso sɛ nkyene dɛ firi mu a, wobɛyɛ dɛ ahyɛ no nkyene? Honnya nkyene ho mu, na ho ne ho ho ntena asomdwie mu.”


Homma Kristo asɛm ntena ho mu yie. Honkyerɛkyerɛ na hontu ho ho fo nyansasɛm nyinaa mu, na homfa akoma mu aseda nto sankunnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom mma Nyankopɔn.


Hone asaase yi so nkyene; nso sɛ nkyene dɛ yera a, ɔbɛyɛ dɛ na ayɛ nkyene bio? Bɛmmfa nnyɔ hwee bio, gye sɛ bɛto gu ma betiatia so.


Na bɛ nyinaa bedii ne ho adanse-pa, na adom nsɛm a ɔkaeɛ he maa bɛ ho dwirii bɛ, na bebisaa sɛ, “Nyɛ Yosef ba yi di?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite