Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Kolosefoɔ nwoma 4:2 - Apam Foforɔ

2 Honkura mpaebɔ mu, na homfa aseda nwɛne mpaebɔ mu.

Gade chapit la Kopi




Kolosefoɔ nwoma 4:2
21 Referans Kwoze  

Honnnwene hwee nha ho ho, na mmom homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ mma ho adesrɛ nnuru Nyankopɔn hɔ bibiaa mu.


Homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ mmerɛ nyinaa Honhom mu. Afei nso, homma ho ani nna hɔ na honkɔ so nsrɛ mma ahoteefoɔ nyinaa.


Homma ho ani nnye anidasoɔ mu, honto ho boase amaneɛ mu, hontu ho ho nsi hɔ ma mpaebɔ.


Honwɛne na hommɔ mpaeɛ na hoankɔ sɔhwɛ mu; honhom he pɛ deɛ nso honam he ɔmmerɛ.”


Afei ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi de kyerɛɛ sɛnea ohia sɛ bɛbɔ mpaeɛ daa a bɛmpa aba.


Nti, honwɛne, na honsrɛ berɛ nyinaa na hoatumi agyina nnoɔma a otwa sɛ osisi yi nyinaa ano, na hoatumi agyina Nipa Ba he anim akokoɔduro so.”


Nnoɔma nyinaa awieeɛ abɛne. Saa nti homma ho adwene mu nna hɔ, na ho ani nna hɔ mma mpaeɛ.


Saa nti, ofiri da a yɛteeɛ he, yennyaeɛ mpaebɔ ne nkotosrɛ sɛ Nyankopɔn pɛ ho nimdeɛ nhyɛ ho ma honhom mu nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,


Honhwɛ yie, homma ho ani nna hɔ; efiri sɛ, honnim da a saa berɛ he bɛba.


Na nea hobɛyɔ biaa, kasa mu oo, nneyɔeɛ mu oo, honyɔ bibiaa Awurade Yesu dini mu, na homfa ne so mfa aseda mma Agya Nyankopɔn.


a bɛagye ahini, na bɛde bɛ ani asi Kristo so, na bɛayɛ dene gyidie mu, sɛdeɛ bɛkyerɛɛ ho heaa, na ho aseda adɔɔso.


Kristo Yesu somfo Epafra a ofiri ho mu he kyea ho. Daa odima ma ho dendenndene ya mpaebɔ mu, sɛ hobegyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na hoayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


Na homma Kristo asomdwie nni hene ho akoma mu, na ɔno mu ne bɛafrɛ ho aba nipadua baako mu. Na honnyɛ boniayɛfoɔ.


Na bɛ nyinaa bɛde akoma korɔ tuu bɛ ho sii hɔ maa mpaebɔ, a na mmaa a bɛne Yesu nanteeɛ he ne Yesu maame Maria ne Yesu nuanom nso ka ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite