Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Kolosefoɔ nwoma 3:11 - Apam Foforɔ

11 Yei nti Helani ne Yudani, nea bɛatwa no twetia ne nea bentwaa no twetia, pɔtɔni, Skiteni, akoa anaa dehyeɛ nni saa foforɔyɛ he mu, na Kristo ne ade nyinaa, na ɔya bɛ nyinaa bɛ mu.

Gade chapit la Kopi




Kolosefoɔ nwoma 3:11
54 Referans Kwoze  

Na Honhom baako mu ne bɛbɔɔ yɛ asu kɔɔ nnipadua baako mu, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo—na bɛmaa yɛ nyinaa nomm Honhom baako.


Na yei ho he, nsosonoeɛ biaa nni Yudani anaa Helani ntam; Awurade korɔ heaa ne di bɛ nyinaa bɛ so, ne yam yɛ ma bɛ a bɛbɔ ne dini nyinaa,


ɔne sɛ, Amanamane mufoɔ he abɛyɛ adedifoɔ te sɛ yɛ, nipadua korɔ heaa ho akwaa, na bɛnam asɛmpa he so anya bɔhyɛ he mu kyɛfa Kristo Yesu mu.


ɔyɛ Kristo nipadua, a nea ɔhyɛ adeɛ nyinaa ma he hyɛ no ma.


Anaa Nyankopɔn yɛ Yudafoɔ nkoaa bɛ Nyankopɔn? Ɔnnyɛ Amanamane mufoɔ nso Nyankopɔn anaa? Ampa, ɔyɛ Amanamane mufoɔ nso Nyankopɔn,


Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.


Meya bɛ mu, na woya me mu, sɛ ɔbɛyɛ a bebewie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wone woasoma me na wodɔ bɛ sɛnea wodɔ me he.


na ɔnyɛ me ne mete ase bio, na mmom ɔyɛ Kristo ne te me mu, nɔkwasɛm ne sɛ m’ase a mete no honam mu seesei yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho maa me he mu gyidie mu.


twetiatwa nka hwee, saa ara nso ne sɛ bentwaa bi twetia a ɔno nso nseɛ bibiaa; mmom Nyankopɔn mmara so die ne hia.


Na nnipa a aka he ne amanamane a bɛbɛbɔ me dini mu he nyinaa ahwehwɛ Awurade akyi kwane.


na hoayɛ ma ya ne mu: Ɔno ne yɛ mpanyinnie ne tumidie nyinaa ti.


Mede Helafoɔ ne Pɔtɔfoɔ nyinaa, anyansafoɔ ne adwenem harefoɔ nyinaa ka;


Mene bobe he, ho ne mmane he. Nea ɔtena me mu na me nso metena ne mu he, ɔsõ aba bebree; na ho kwati me a hontumi nyɔ hwee.


Berɛ a pɔtɔfoɔ he ani bɔɔ wɔ he so sɛ ɔsɛne ne nsa ho he, bɛka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Akyinnye biaa nni hɔ sɛ nipa yi yɛ wudifoɔ, na ɔyam sɛ waafiri po he mu afiri dwoodwoo deɛ, nso aweretɔ nti, ɔmma sɛ obenya ne ti adidi mu.”


Na nnipa a bɛya hɔ he yɛ pɔtɔfoɔ; na bɛdaa ayamyɛ sononko adi kyerɛɛ yɛ. Na nsuo a na ɔɔtɔ ne awɔ a na ɔyam nti, bɛsɔɔ gya maa yɛ de gyee yɛ nyinaa fɛ so.


Yesu buaa no sɛ, “Sɛ bi dɔ me a obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛne na yɛ ne no abɛtena.


Nipa biaa a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ he mu he, onnim Nyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ he mu he, ɔno mmom ne nea onim Agya he ne ne Ba he.


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


Na honim sɛ papa biaa a yɛyɔ he, nkoa oo, adehyeɛ oo, yebenya ho akatua afiri Awurade hɔ.


ɔne sɛ Kristo nam gyidie so bɛtena ho akoma mu, sɛdeɛ hoagye nhini na ho ase atim dɔ mu.


Nti sɛ mente kasaa he ase a, mebu deɛ ɔkasa he sɛ pɔtɔni ne deɛ ɔkasa he nso bu me pɔtɔni,


Nyankopɔn tenenee a ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so ma bɛ a bɛgye di nyinaa. Na nyiyimu nnim,


Na ɔyɛ yɛ asomdwie; ɔnam ne honam so aka nnipakuo mmienu he abom ayɛ yɛ baako na wabubu nitane a ɔte sɛ afasuo he afiri hɔ.


Kristo Yesu guu mmara he ne n’ahyɛdeɛ he ne ne nsusuansoɔ nyinaa, sɛ ɔnam ne nipadua so bɛbɔ nipadua foforɔ baako asi mmienu he anane mu, na ɔde asomdwie aba,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite