Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Kolosefoɔ nwoma 2:8 - Apam Foforɔ

8 Honhwɛ yie na biaa amfa nipa nyansa ne nnaadaa hunu a ɔnam nnipa nhyehyɛeɛ so, ne wiase ahonhom so ammɛfa ho nommum, efiri sɛ saa nnoɔma yi nyinaa mfiri Kristo,

Gade chapit la Kopi




Kolosefoɔ nwoma 2:8
38 Referans Kwoze  

Timoteo, bɔ nea bɛde ahyɛ wo nsa he ho bane. Kwati nsɛmhuhuo ɔne nea bɛfrɛ no nimdeɛ nso ɔnte saa;


Hommma nnipa biaa mfa nsɛnhunu nnaadaa ho, efiri sɛ saa nnoɔma yi ne de Nyankopɔn abufuo ba asoɔdenfoɔ so.


Honhwɛ yie atorɔ adiyifoɔ ho, bɛ a bɛfira dwane nwoma ba ho nkyɛne nso bɛ mu paa deɛ bɛyɛ mpataku.


Na afei a hoahu Nyankopɔn yi anaa Nyankopɔn ahu ho yi, ɔbɛyɛ dɛ ne hoasane akɔ mfitiasedeɛ a benni tumi biaa, na benni hwee nso de ma he nkyɛne bio?


Nti sɛ ho ne Kristo anya awu afiri wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, mmɛ nti ne hode ahyɛdeɛ to ho ho so sɛdeɛ hoda so yɛ wiasefoɔ,


Na nnipa bɔne sisifoɔ deɛ bɛkɔ bɛ anim bɔne mu, bɛbɛdaadaa binom na binom adaadaa bɛ nso.


Nso, adɔfonom, ho deɛ honim yei dada. Honhwɛ ho ho so yie, na bɛ a benni mmara so annaadaa ho ama hoamfiri ho tim a hoatim he mu anhwe ase.


Hommma nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ne nsɛm foforɔ mmfa ho nkyinkyini, na ɔyɛ sɛ bɛ de adom hyɛ akoma dene, na ɔnyɛ nnuane a bɛ a bediiɛ he nni ho mfasoɔ biaa.


Honhwɛ ho ho so yie na hoanhwere nea hoayɔ ho adwuma, sɛ ɔbɛyɛ a hobenya ho akatua nyinaa.


Saa ara ne yɛ nso yɛteɛ; berɛ a na yɛyɛ mmɔfra he, ahonhom a bɛyɛ wiase mfitiasedeɛ he faa yɛ nkoa.


ne bibiaa a ɔsõ a bɛama so atia Nyankopɔn nimdeɛ, na yɛafa adwene nyinaa nommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛ ase.


Hommma bi mfa kramane ahobrɛaseɛ ne abɔfosom so mma nkunimboɔ he mmɔ ho, nea ɔnam anisoadehunu kwa ne honam nsusuiɛ hunu so yɛ ahomasoɔ.


Sɛ honim sɛ bɛamfa nnoɔma a ɔporɔ, te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ ne gyee ho firii ho abrabɔ hunu a ho nya firii ho agyanom nkyɛne he mu,


Anuanom, mehyɛ ho nkurane sɛ, honhwɛ ho ho yie bɛ a bɛde mpaepaemu ne sintiduatoɔ, de ko tia nkyerɛkyerɛ a hoasua he; hontwe ho ho mfiri bɛ ho,


Na ho deɛ nyɛ saa ne hosua firii Kristo hɔ!


Mekɔɔ nkane Yuda som mu kyɛnee m’atipɛnfoɔ bebree, efiri sɛ meyɛɛ nam nananom atetesɛm mu.


Honhwɛ ho ho yie nnipa a bɛte sɛ nkramane he ho, honhwɛ yie adwumayɔfoɔ bɔne he ho, honhwɛ yie twetiatwafoɔ he ho!


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honhwɛ yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.”


Honhwɛ ho ho yie bɛ ho, efiri sɛ bɛde ho bɛma badwafoɔ na bɛahwe ho bɛ hyia adane mu;


Saa nnoɔma yei nyinaa yɛ nnoɔma hunu, nnipa ahyɛdeɛ ne nkyerɛkyerɛ kwa.


na hote mu he mu, na hodii wiase yi su akyi, tumidie ne mpanyinnie a ɔya wiem, honhom a nnɛ ɔyɔ adwuma asoɔdenfoɔ mu, he nkwa.


Nso Epikurofoɔ ne Stoafoɔ nyansapɛfoɔ bi ne no dii anobaabaeɛ, na binom kaa sɛ, “Mmɛ ne kasatentene wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ koraa yi?” Na binom nso kaa sɛ, “Gyama ɔka ananafoɔ abosom ho asɛm.” (Efiri sɛ, na ɔɔka Yesu ne wusɔreɛ he ho asɛmpa.)


Na bɛtee awufoɔ sɔreɛ he ho asɛm he, binom dii fɛw, na binom nso kaa sɛ, “Yebetie yei ho asɛm afiri wo nkyɛne bio berɛ foforɔ nso.”


Nso honhwɛ yie sɛ ho faahodie he ɔnyɛ sintidua mma bɛ a bɛyɛ mmerɛ he.


Nti nea ɔyɛ no sɛ ogyina hɔ he, ɔnhwɛ na wanhwe ase.


Na mmom, sɛ ho keka na homemene ho ho a, honhwɛ yie na hoansɛe ho ho.


Saa nnoɔma he nyinaa yɛ bɛ ankasa bɛ som mu adeɛ a nnipa anim he, ayɛ sɛ nea nyansa yam nso ɔyɛ kramane ahobrɛaseɛ a ɔma bɛ ankasa bɛ nipadua mpo, bedi no nya; nso tumi biaa nnim a obetumi ako atia honam akɔnnɔ.


Anuanom, honhwɛ yie, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɔne ne annyeannie akoma ɔntwe ho mfiri teasefoɔ Nyankopɔn he nkyɛne.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite