Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Kolosefoɔ nwoma 2:4 - Apam Foforɔ

4 Meeka yei na biaa amfa mmradɛtoɔ annaadaa ho.

Gade chapit la Kopi




Kolosefoɔ nwoma 2:4
28 Referans Kwoze  

Adɔfo, honnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom honsɔ ahonhom he nhwɛ sɛ befiri Nyankopɔn anaa; efiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree aba wiase.


sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Honhwɛ yie na bi annaadaa ho.


Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase, nipa a bɛmpae mu nka sɛ Yesu Kristo baa honam mu. Nipa biaa a ɔte saa he yɛ daadaafoɔ he ne nea ɔko tia Kristo he.


Kristo atorɔfoɔ ne adiyifoɔ atorɔfoɔ bɛba na bɛayɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ, na sɛ obetumi a, nka bɛde adaadaa bɛ a bɛayi bɛ he.


na ɔbɛkɔ akɔdaadaa amane a bɛya wiase nyinaa, Gog ne Magog, akɔboaboa nnipa a bɛ dodoɔ te sɛ mpoano anwea de bɛ akɔ sa.


Na nnipa bɔne sisifoɔ deɛ bɛkɔ bɛ anim bɔne mu, bɛbɛdaadaa binom na binom adaadaa bɛ nso.


Yi wo ho firi nsɛmhuhuo a ho nte ho, efiri sɛ, ɔbɛma nipa akɔ n’anim amumuyɔ mu,


Hommma nnipa biaa mfa nsɛnhunu nnaadaa ho, efiri sɛ saa nnoɔma yi ne de Nyankopɔn abufuo ba asoɔdenfoɔ so.


Hoaa ho mu mmeema bɛsɔre akasa adane nɔkorɛ he de atwe asafo he adi bɛ akyi.


Bɔfoɔ he too no twenee amena donkodonko he mu too mu safoa bram akyire na wantumi annaadaa amane bio kosi sɛ mfie apem he betwam. Nso mfie apem he akyi he bebegyaa no kakra.


Na bɛ a bɛte asaase so nyinaa bɛkoto no, meekyerɛ bɛ a bɛamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ bɛ dini Adwammaa a bekuu no he nkwa nwoma mu he.


Bɛtoo tweaseɛ kɛseɛ he tweneeɛ. Ɔno ne wɔ dadaa he a bɛfrɛ no Bronsam ne Satan he, ɔno ne daadaa wiase nyinaa he. Na bɛtoo no twenee asaase so a na n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho.


Meetwerɛ ho afa bɛ a bɛpɛ sɛ bɛdaadaa ho he ho.


Me mma nkumaa, awieeɛ he abɛne. Bɛka kyerɛɛ ho sɛ Kristo-kotiafoɔ he bɛba, nso seesei, nnipa bebree aba a bɛko tia Kristo. Yei nti yɛahu sɛ ampa awieeɛ he abɛne.


Hommma bi mfa kramane ahobrɛaseɛ ne abɔfosom so mma nkunimboɔ he mmɔ ho, nea ɔnam anisoadehunu kwa ne honam nsusuiɛ hunu so yɛ ahomasoɔ.


Honhwɛ yie na biaa amfa nipa nyansa ne nnaadaa hunu a ɔnam nnipa nhyehyɛeɛ so, ne wiase ahonhom so ammɛfa ho nommum, efiri sɛ saa nnoɔma yi nyinaa mfiri Kristo,


Nso ɔnam sɛ na anuanom atorɔfoɔ bi awiawia bɛ ho aba yɛ mu sɛ bɛbɛtetɛ yɛ ahwɛ ahofadie a yɛwɔ no Kristo Yesu mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde yɛ bɛkɔ Mmara nkoasom mu nti


Nso mesuro sɛ, ebia, sɛdeɛ wɔ he de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa he, saa ara nso ne bɛbɛdane ho adwene afiri Kristo mu ahofama mapa a owie pɛyɛ he.


Me kasaa ne m’asɛnka anyɛ nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛsɛm kwane so, na mmom Honhom ne tumi yikyerɛ mu,


Na kristo-atorɔfoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bebree bɛba abɛyɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ, de adaadaa binom, sɛ ɔbɛyɛ yie a bɛ a bɛayi bɛ he mpo nka bɛbɛdadaa bɛ.


Na afei nea meeka na madi ho adanseɛ Awurade mu ne sɛ ɔnsɛ sɛ hobɔ ho bra bio sɛ amanamane mufoɔ a bɛaka a bɛnante bɛ adwene hunu mu he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite