Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Kolosefoɔ nwoma 1:7 - Apam Foforɔ

7 Hosuaa yei firii Epafra, yɛ nua dɔfoɔ a yɛ ne no yɛ Kristo mu nkoa he nkyɛne. Ɔyɛ nɔkorɛ somfo ma Kristo, a ogyina yɛ anane mu,

Gade chapit la Kopi




Kolosefoɔ nwoma 1:7
19 Referans Kwoze  

Kristo Yesu somfo Epafra a ofiri ho mu he kyea ho. Daa odima ma ho dendenndene ya mpaebɔ mu, sɛ hobegyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na hoayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


Me yɔnko deduani Kristo mu, Epafra,


Nti na ɔsɛ sɛ ɔsɛ ne nuanom ade nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne sɔfo panyini trodoo, Nyankopɔn fam nnoɔma mu, na wayɛ mane he bɔne ho mpatadeɛ.


Tihiko bɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ ho; ɔyɛ nua dɔfoɔ, somfo nɔkwafoɔ ne yɔnko akoa Awurade mu.


Odii nɔkorɛ maa deɛ ɔfrɛɛ no he, sɛdeɛ Mose nso “dii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa mu he.”


Na deɛ wote firii m’anum adansefoɔ bebree anim he, ɔnoaa ne fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a bebetumi akyerɛkyerɛ binom nso nsa.


Ne nyinaa akyi, mesusuu sɛ, ohia sɛ mesoma Epafrodito, me nua ne me yɔnko dwumayɔni ne me yɔnko sraani a ɔyɛ ho somafoɔ ne somfo ma me he ma no ba ho nkyɛne,


Bɛyɛ Kristo asomfoɔ? Meyi ano te sɛ bɔdamni, meyɛ Kristo somafoɔ kyɛne bɛ: Brɛ adwuma a ɔboro so mu, afiaseda a ɔboro so mu, hweɛ a ɔtra so mu, wuo amaneɛ a manya no nhunuiɛ mu.


Afei nso, ɔsɛ fiehwɛfoɔ sɛ behu no sɛ ɔyɛ nɔkwafoɔ.


Sɛ wode saa nkyerɛkyerɛ yi to anuanom anim a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a bɛatete wo gyidie nsɛm ne nkyerɛkyerɛ pa a woadi akyire he mu.


Hommrɛbrɛ ho ho ase mma ho ho, ɔnam anidie a howɔ ma Kristo nti.


Afei ɔfa mmabunu ho he, Awurade mmaa me ahyɛdeɛ biaa, nso meeka m’adwene sɛ bi a Awurade mmɔborɔhunu nti ɔyɛ nɔkwafoɔ.


Yei nti ne mesomaa Timoteo maa no baa honkyɛne, ɔno ne yɛ me ba dɔfoɔ ne nɔkwafoɔ Awurade mu, sɛ ɔnkae ho m’akwane Kristo Yesu mu, sɛdeɛ mekyerɛkyerɛɛ hyiadane biaa mu ya baabiaa he.


Ne wura he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo ne yɔ, akoa pa ne nɔkwafoɔ; woadi kakra yi ho nɔkorɛ, mede nnoɔma bebree bɛhyɛ wo nsa; nya wo wura anigye he bi.’


“Afei, hwane ne akoa nɔkwafoɔ ne nyansafoɔ a, ne wura de no asi ne fie so, sɛ ɔma nkoa a bɛhyɛ n’ase aduane ne berɛ mu?


Afei ne yɔnko akoa he de ne ho too fam srɛɛ no sɛ, ‘Nya aboterɛ ma me, na metua wo ka.’


ɔne Onesimo, nɔkwafoɔ ne nua dɔfoɔ a ɔyɛ ho honam-nipa, ne ɔɔba. Bɛbɛka ha asɛm nyinaa akyerɛ ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite