Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Kolosefoɔ nwoma 1:16 - Apam Foforɔ

16 efiri sɛ ɔnam ne so ne bɛbɔɔ nnoɔma nyinaa, deɛ ɔya soro ne deɛ ɔya asaase so, nnoɔma a yehu ne nnoɔma a yenhu, sɛ nhennwa oo, wuradie oo mpanyinnie oo, tumidie oo, bɛnam ne so ne bɔɔ ne nyinaa, na bɛbɔɔ ne nyinaa maa no.

Gade chapit la Kopi




Kolosefoɔ nwoma 1:16
29 Referans Kwoze  

Biaa nni hɔ efiri sɛ, nnoɔma nyinaa firi ne mu, na ɔnam ne so, na ɔyɛ ne dea. Ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.


Nnoɔma nyinaa nam ne so ne baeɛ, na bɛankwati no annyɔ bibiaa a bɛyɔeɛ.


nso yɛ deɛ, Nyankopɔn baako pɛ ne yenim sɛ ɔya hɔ, ɔno ne Agya he a nnoɔma nyinaa firi ne mu na ɔnam ɔno nti yɛ ya hɔ; saa ara nso ne yɛwɔ Awurade baako, Yesu Kristo a nnoɔma nyinaa nam ne so ba, na yɛ te ase ne mu he.


Na ɔsɔɔ Nyankopɔn a nnoɔma nyinaa yɛ ne dea na ɔnam ne so baeɛ he ani sɛ ɔde mma bebree bɛba animuonyam mu, mmerɛ a bɛ nkwagyeɛ safohene he nam amanehunu mu bewie pɛyɛ.


na nna a odi akyire yi mu deɛ, ɔnam ne Ba a waayi no asi hɔ sɛ nnoɔma nyinaa so diadeɛ, na ɔnam ne so bɔɔ nnoɔma nyinaa he so, akasa akyerɛ yɛ.


Yei ne nhyehyɛeɛ a ɔda hɔ sɛ berɛ pa mu he, ɔbɛka nnoɔma a ɔya soro ne nea ɔya asaase so nyinaa abom ne mu.


Ɔno ne yɛ Nyankopɔn a benhu no he nsɛso ne abɔdeɛ nyinaa farebae;


na hoayɛ ma ya ne mu: Ɔno ne yɛ mpanyinnie ne tumidie nyinaa ti.


sɛ Yesu dini mu ne nkotodwe, a ɔya soro, asaase so anaa asaase ase nyinaa nkoto,


na Nyankopɔn nam Kristo so apata ɔno Nyankopɔn ne nnoɔma nyinaa ntam koraa. Ɔne sɛ, ɔnam Kristo asennua ho mogyaa so asiesie Nyankopɔn ne nnoɔma a ɔya asaase so ne soro nyinaa ntam; na ɔnam nkabom yi so ama asomdwie aba.


Saa Yesu yi ne kɔɔ soro na ɔte Nyankopɔn nifa, na bɛde abɔfoɔ ne bɛ a tumidie ahyɛ n’ase.


Na watutu mpanyinnie ne tumidie nyinaa agu, ayi bɛ adi akyerɛ pefee ya badwam, nam asennua he so adi bɛ so nkunim.


efiri sɛ ɔnyɛ nnipa ne yɛ ne bɛ oodi asie, na mmom yɛ ne mpanyinnie, tumidie, wiase yi sum mu atumfoɔ, ahohommɔne a bɛya soro meamea ne oodi asie.


Na megye di sɛ mpo wuo, anaa nkwa, anaa abɔfoɔ, anaa atumfoɔ, anaa nnoɔma a ɔya hɔ saa mmerɛ yi, anaa nnoɔma a ɔbɛba, anaa ahoɔdene,


Na ɔya wiase deɛ, na ɔnam ne so ne bɛbɔɔ wiase, nso wiase anhu no.


bɛyɛ tete agyanom asefoɔ, na ofiri bɛ abusua mu ne Kristo he baa honam fam. Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ daa. Amen.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite