Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 8:5 - Apam Foforɔ

5 Afei bɔfoɔ he faa aduhwam adaka he de gya a ofiri afɔrebokyia he so hyɛɛ no ma too twenee asaase so. Na apranaa ne nne ahoroɔ ne anyinam ne asaasewosoɔ baeɛ.

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 8:5
24 Referans Kwoze  

Afei Nyankopɔn asɔredane a ɔya soro he bieeɛ ma behuu adaka a apam he ya mu he asɔredane he mu. Afei anyinam ne apranaa paepaeɛ, na asaase wosoeɛ, na asukɔtwea pii nso baeɛ.


Na anyinam ne nne ahodoɔ ne apranaa boboom firi ahennwa he mu. Na nkanea nson a bɛasosɔ a ɔɔdɛre ya ahennwa he anim. Na yeinom ne Nyankopɔn ahonhom nson.


Mpofiremuaa asaase wosoɔ kɛseɛ bi si maa afiase he fapem wosowosoeɛ. Afei apono he nyinaa biebieɛ amonom hɔaa, na bɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn he nyinaa sanesaneeɛ.


Saa mmerɛ heaa, asaase wosoo dendenndene, kuro he nkyekyɛmu du mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ ɔnam asaasewosoɔ he nti. Nnipa a bɛaka he bɔɔ hu na bɛkamfoo Nyankopɔn a ɔya soro he kɛseyɛ.


Na mehuu sɛ ɔtee nsɔano a ɔtɔ so nsia he ano. Na asaasewosoɔ a ano ɔdene ba maa awia yɛɛ tumm sɛ birisie, na bosome yɛɛ kɔɔ sɛ mogyaa.


Berɛ a bewiee mpaebɔ he, baabi a behyiaam he wosoeɛ, na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa mama na bɛde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm he.


“Mebaa sɛ meebɛma gya asɔ asaase so, na sɛ asɔ dada a, mmɛ ne meehwehwɛ kyɛne yei?


Na amane bɛsɔre atia amane, na ahennie bɛsɔre atia ahennie, kɔm bɛba na asaase wosoɔ nso bɛba baabi bebree.


Bɔfoɔ foforɔ a na okita sikakɔkɔɔ aduhwam adaka begyinaa afɔrebokyia he ho. Bɛmaa no aduhwam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpaeɛ nka Nyankopɔn nkurofoɔ he deɛ ho na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ afɔrebokyia a osi ahennwa he anim he so afɔdeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite